Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Mateo 12:46 - New Revised Asante Twi Bible

46 Na ɔgu so rekasa kyerɛ nkurɔfoɔ akuakuo no, hwɛ, ne na ne ne nuanom bɛgyinaa afikyire pɛɛ sɛ wɔne no kasa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

46 Na ɔgu so rekasa kyerɛ nkurɔfoɔ akuakuo no, hwɛ, ne na ne ne nuanom bɛgyinaa afikyire pɛɛ sɛ wɔne no kasa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

46 Bere a Yesu reka asɛmpa akyerɛ nnipadɔm wɔ ofi bi mu no, ne na ne ne nuanom begyinaa afikyiri pɛɛ sɛ wɔne no kasa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

46 Ɛberɛ a Yesu reka asɛmpa akyerɛ nnipadɔm wɔ efie bi mu no, ne maame ne ne nuanom bɛgyinaa afikyire pɛɛ sɛ wɔne no kasa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

46 Na ogu so kasa kyerɛ nkurɔfo akuwakuw no, hwɛ, ne na ne ne nuanom begyinaa afikyiri pɛe sɛ wɔne no kasa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Mateo 12:46
26 Iomraidhean Croise  

Na sɛdeɛ Yesu Kristo awoɔ teɛ nie: Wɔde ne na Maria maa Yosef sɛ asiwayere, na wɔnnya nhyiaa mu no, wɔhunuu sɛ ɔnyem deɛ ɛfiri Honhom Kronkron mu.


Na obi ka kyerɛɛ no sɛ: Hwɛ, wo na ne wo nuanom gyina afikyire pɛ sɛ wɔne wo kasa.


Ɛnyɛ duadwumfoɔ no ba no nie? Wɔmfrɛ ne na Maria, ne ne nuanom Yakobo, Yosef, Simon ne Yuda?


Na wɔkɔɔ dan no mu no, wɔhunuu abɔfra no ne ne na Maria, na wɔkoto sɔree no; na wɔbuee wɔn fotoɔ mu yɛɛ no ayɛ, sika kɔkɔɔ ne ohwamfufuo ne korɔbɔ.


sɛ: Sɔre fa abɔfra no ne ne na, na kɔ Israel asase so; na wɔn a na wɔhwehwɛ abɔfra no akum no no awu.


Obi mfa ntoma foforɔ sini ntɛ atadeɛ dada mu, anyɛ saa a, ntɛmu no bɛte afiri mu, foforɔ no bɛfiri dada no mu, na nteteeɛ no ayɛ kɛseɛ.


Ɛnyɛ duadwumfoɔ yi a ɔyɛ Maria ba no, Yakobo ne Yose ne Yuda ne Simon nom nua no nie? Na ɛnyɛ ne nuammaa na wɔwɔ yɛn nkyɛn ha yi? Na ɔyɛɛ suntidua maa wɔn.


Na yei firi he sɛ m’Awurade ne na reba me nkyɛn yi?


Na deɛ wɔkaa no ne ho no yɛɛ n’agya ne ne na nwanwa.


Na Simeon hyiraa wɔn, na ɔka kyerɛɛ ne na Maria sɛ: Hwɛ, abɔfra yi na wɔde no asi hɔ ama Israel nnipa bebree ahweaseɛ ne wɔn sɔreɛ ne nsɛnkyerɛnneɛ a wɔbɛkasa atia no,


Na wɔhunuu no no, ɛyɛɛ wɔn ahodwiri, na ne na see no sɛ: Ɔba, adɛn na woayɛ yɛn sɛɛ yi? Hwɛ, me ne w’agya de ahoyera na ahwehwɛ woɔ.


Na ɔne wɔn sii mu sane kɔɔ Nasaret, na ɔbrɛɛ ne ho ase maa wɔn. Na ne na de nsɛm yi nyinaa siee n’akomam.


Na ɔse: Mo deɛ, wɔde ama mo sɛ monhunu Nyankopɔn ahennie mu ahuntasɛm no; na wɔn a aka deɛ, wɔde ama wɔn mmebuo mu, na wɔahunu, na wɔanhunu mu, na wɔate, nanso wɔante aseɛ.


Enti asraafoɔ no na ɛyɛɛ yeinom. Nso na Yesu ne na ne ne na nuabaa, Maria, Klopa yere ne Maria Magdalene gyina Yesu asɛnnua no ho.


Na da a ɛtɔ so mmiɛnsa no, wɔhyiaa ayeforɔ wɔ Kana a ɛwɔ Galilea; na Yesu ne na wɔ hɔ.


Yei akyiri no, Yesu kɔɔ Kapernaum, ɔno ne ne na, ne nuanom ne n’asuafoɔ no; na wɔanni nna bebree wɔ hɔ.


Na ne na see asomfoɔ no sɛ: Biribiara a ɔbɛse mo no, monyɛ!


Na ne nuanom kɔeɛ no, ɛnna ɔno nso kɔɔ afahyɛ no aseɛ; wanyi ne ho adi, na mmom ɔhuntae.


Ɛnna ne nuanom ka kyerɛɛ no sɛ: Firi ha kɔ Yudea, na w’asuafoɔ nso nhunu wo nnwuma a woyɛ no.


Na ne nuanom mpo annye no anni.


Na yeinom nyinaa de akoma korɔ kura mpaebɔ mu ara, wɔne mmaa no ne Maria, Yesu ne na ne ne nuanom.


Yɛnni ho kwan sɛ yɛde onuabaa a ɔyɛ ɔyere kyini sɛ asomafoɔ a aka no ne Awurade nuanom ne Kefa?


na asomafoɔ a ɛkeka ho no deɛ manhunu wɔn mu biara, gye Awurade nua Yakobo.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan