Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Mateo 12:42 - New Revised Asante Twi Bible

42 Anafoɔ fam hemmaa no ne nnɛ mma yi bɛsɔre atemmuo no mu, na wɔabu wɔn fɔ, ɛfiri sɛ ɔfiri asase ano nohoa bɛtiee Salomo nyansa; na hwɛ, deɛ ɔsene Salomo wɔ ha.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

42 Anafoɔ fam hemmaa no ne nnɛ mma yi bɛsɔre atemmuo no mu, na wɔabu wɔn fɔ, ɛfiri sɛ ɔfiri asase ano nohoa bɛtiee Salomo nyansa; na hwɛ, deɛ ɔsene Salomo wɔ ha.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

42 Atemmuda no, Sebahemmea bɛsɔre atia ɔman yi, efisɛ ofi asase ano nohɔ betiee Salomo nyansa nsɛm. Nanso nea ɔsen Salomo no wɔ ha.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

42 Atemmuo da no, Seba Ɔhemmaa bɛsɔre atia ɔman yi ɛfiri sɛ, ɔfiri asase ano nohoa bɛtiee Salomo nyansa nsɛm. Nanso, deɛ ɔsene Salomo no wɔ ha.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

42 Anafo hɔ hemmaa no ne nnɛ mma yi bɛsɔre atemmu no mu, na wabu wɔn fɔ, efisɛ ofi asase ano noho betiee Solomon nyansa; na hwɛ, nea ɔsen Solomon wɔ ha.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Mateo 12:42
22 Iomraidhean Croise  

Na asase nyinaa hwehwɛɛ Salomo anim ahunu, sɛ wɔbɛtie ne nyansa a Onyankopɔn de ahyɛ ne tiri mu no.


hwɛ, mayɛ sɛdeɛ w’asɛm no seɛ. Hwɛ, mama wo nyansa ne nhunumu adwene a obiara a ɔdii w’anim nte sɛ woɔ, na w’akyiri nso, obiara rensɔre a ɔsɛ woɔ.


Na Israel nyinaa tee atɛn a ɔhene buiɛ no, wɔsuroo ɔhene anim, ɛfiri sɛ wɔhunuu sɛ, Nyankopɔn nyansa wɔ ne mu a ɔde bu atɛn.


Enti ma w’akoa nteaseɛ adwene na memfa memmu wo man atɛn, na menhunu papa ne bɔne mu, na hwan na ɔbɛtumi abu wo man kɛseɛ yi atɛn?


Na Onyankopɔn maa Salomo nyansa ne nhunumu bebree pa ne adwene a emu trɛ sɛ mpoano anwea.


Na amanaman nyinaa mu bi baa sɛ wɔrebɛtie Salomo nyansa, wɔfirii asase so ahemfo a wɔtee ne nyansa no nyinaa nkyɛn bae.


Na AWURADE maa Salomo nyansa sɛdeɛ ɔhyɛɛ no bɔ no; na asomdwoeɛ daa Hiram ne Salomo ntam, na wɔn baanu pamee.


Enti AWURADE no ara bɛma mo nsɛnkyerɛnneɛ: Hwɛ, ababaa bi bɛnyinsɛn awo ɔbabanin, na wato no din Imanuel.


Ninewe mmarima ne nnɛ mma yi bɛsɔre atemmuo no mu na wɔabu wɔn fɔ, ɛfiri sɛ wɔsakyeraa wɔn adwene wɔ Yona asɛnka mu; na hwɛ, deɛ ɔsene Yona wɔ ha.


Na mese mo sɛ, deɛ ɔkyɛne asɔrefie no wɔ ha.


Na ɔgu so rekasa no, hwɛ, mununkum hyɛnhyɛn bi bɛkataa wɔn so, na hwɛ, ɛnne bi firi mununkum no mu kaa sɛ: Oyi ne me dɔba a ɔsɔ m’ani. Montie no!


Na hwɛ, ɛnne bi firi soro kaa sɛ: Oyi ne me Dɔba a ɔsɔ m’ani.


Na Asɛm no bɛyɛɛ honam, na ɔbɛsoeɛɛ yɛn mu, na yɛhunuu n’animuonyam sɛ Agya no Ba a ɔwoo no korɔ animuonyam, na adom ne nokorɛ ayɛ no ma.


Obi nhunuu Onyankopɔn pɛn; Ɔba a ɔwoo no korɔ no a ɔtwere Agya no kokom no, ɔno na wayi no adi akyerɛ.


Na ɛnni po agya nso na woaka sɛ: Hwan na ɔbɛtwa po ama yɛn akɔfa abrɛ yɛn ama yɛate ayɛ?


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan