Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Mateo 12:34 - New Revised Asante Twi Bible

34 Nhuritia mma! Moyɛ abɔnefoɔ yi, mobɛyɛ dɛn atumi aka nsɛm pa? Na deɛ ayɛ akoma ma abu soɔ no, na ano ka.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

34 Nhuritia mma! Moyɛ abɔnefoɔ yi, mobɛyɛ dɛn atumi aka nsɛm pa? Na deɛ ayɛ akoma ma abu soɔ no, na ano ka.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

34 Awɔ mma! Ɛbɛyɛ dɛn na abɔnefo sɛ mo atumi aka nea eye ho asɛm? Nea ayɛ koma ma abu so no na ano ka.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

34 Awɔ mma! Ɛbɛyɛ dɛn na abɔnefoɔ sɛ mo atumi aka deɛ ɛyɛ ho asɛm? Deɛ ayɛ akoma ma abu so no na ano ka.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

34 Nhurutoa mma! Moyɛ abɔnefo yi, mobɛyɛ dɛn atumi aka nsɛm pa? Na nea ayɛ koma ma abu so no na ano ka.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Mateo 12:34
28 Iomraidhean Croise  

Ogyegyentwie se n’akomam sɛ: Nyankopɔn bi nni hɔ. Wɔasɛe, na wɔyɛ amumuyɛdeɛ a wɔkyire, obiara nni hɔ a ɔyɛ papa.


Wɔn na wɔse wɔn tɛkyerɛma ano sɛ afena, wɔkuntunu tadua mu rebɛto wɔn mmɛmma, ɛne nsɛm fo,


Wɔhyɛ wɔn asɛmmɔne mu den, wɔkeka sɛ wɔbɛhunta asum fidie, wɔka sɛ: Hwan na ɔbɛhu yɛn?


Onyansafoɔ akoma kyerɛ n’ano nimdeɛ, na ɛma adenim dɔ wɔ n’anomu.


Kora w’akoma sene deɛ wode sie nyinaa, na emu na nkwa adifire fire.


Na ogyegyentwie ka agyegyentwisɛm na ɔdwene amumuyɛsɛm, sɛ ɔbɛdi ahuhusɛm na waka AWURADE ho asɛm a ɛnyɛ, sɛ ɔbɛma deɛ ɔdi kɔm kra ada mpan, na wama anonneɛ abɔ deɛ sukɔm de no.


Na wɔadane atemmuo ani, na tenenee akɔgyina akyirikyiri; na nokorɛ ahwe ase edwam, na deɛ ɛtene ntumi mma mu.


Obiara nsaman asɛntenenee so, na obiara nsaman wɔ nokorɛ asɛm ho. Wɔde wɔn ho to nsɛnhunu so, na wɔka nsɛnhuhuo; wɔnyinsɛn bɔne, na wɔwo mmusuo.


Enti AWURADE rennya wɔn mmeranteɛ ho anigyeɛ, na ne yam renhyehye no wɔn nwisiaa ne wɔn akunafoɔ ho; na wɔn nyinaa yɛ nnebɔneyɛfoɔ ne wɔn a nyamesuro nni wɔn mu, na ano nyinaa ka agyegyentwisɛm. Yei nyinaa nti na n’abufuo nnyaee, na ne nsa atene ara.


Onipa pa firi nnepa a waboaboa ano n’akoma mu no mu na ɔyi nnepa adie; na onipa bɔne firi nnebɔne a waboaboa ano n’akoma mu no mu na ɔyi nnebɔne adie.


Na deɛ ɛfiri anomu firi adie deɛ, ɛfiri onipa akoma mu, na ɛno na ɛgu onipa ho fi.


Awɔ, nhuritia mma! Mobɛyɛ dɛn adwane amanehunu kurom atemmuo?


Na Yohane hunuu Farisifoɔ ne Sadukifoɔ no mu bebree sɛ wɔreba asubɔ no ho no, ɔsee wɔn sɛ: Nhuritia mma! Hwan na ɔkyerɛɛ mo sɛ monnwane mfiri abufuo a ɛreba no ho?


Ɛnna ɔka kyerɛɛ nkurɔfoɔ akuakuo a wɔfiri baa sɛ ɔmmɔ wɔn asu no sɛ: Nhuritia mma! Hwan na ɔbɔɔ mo kɔkɔ sɛ monnwane mfiri abufuo a ɛreba no ho?


Onipa pa firi nnepa a waboaboa ano n’akoma mu no mu na ɔyi adepa adie, na onipa bɔne firi nnebɔne a waboaboa ano n’akoma mu no mu na ɔyi adebɔne adie; na ɛfiri deɛ ayɛ akoma ma aboro soɔ no mu na ano ka.


Mo deɛ, mo agya a mofiri ne mu ne ɔbonsam, na mo agya no akɔnnɔdeɛ na mopɛ sɛ moyɛ. Ɔno na ɔyɛ owudifoɔ firi mfitiaseɛ, na ɔnnyina nokorɛ so; ɛfiri sɛ nokorɛ nni ne mu. Sɛ ɔka atorosɛm a, ɛfiri ɔno ara ne mu na ɔka; ɛfiri sɛ ɔyɛ ɔtorofoɔ ne atorɔ agya.


Mommma asɛm a ɛmfra biara mmfiri mo anomu, na mmom asɛm a ɛyɛ na ɛma nkɔsoɔ a ɛhia, na wɔde adom wɔn a wɔteɛ no.


Na mommma wɔnte aniwudeɛ ne nkwaseasɛm anaa asereseresɛm a ɛnsɛ, na mmom aseda.


Ɛfiri sɛ yɛn nyinaa fom wɔ nnoɔma bebree mu. Sɛ obi mfom asɛm mu a, ɔno ara na ɔyɛ onipa a ɔwie pɛyɛ a ɔbɛtumi ato nipadua nyinaa nnareka adi soɔ.


Yei mu na Nyankopɔn mma ne ɔbonsam mma da adie. Obiara a ɔnyɛ deɛ ɛtene ne deɛ ɔnnɔ ne nua no mfiri Onyankopɔn.


Sɛdeɛ tete bɛ no ka no “Abɔnefoɔ so na bɔne fire”, na me nsa deɛ, ɛrenka wo.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan