Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Mateo 12:32 - New Revised Asante Twi Bible

32 Na deɛ ɔbɛkasa atia Onipa Ba no, wɔde bɛkyɛ no; na deɛ ɔbɛkasa atia Honhom Kronkron deɛ, wɔremfa nkyɛ no wiase ha ne wiase a ɛreba no mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

32 Na deɛ ɔbɛkasa atia Onipa Ba no, wɔde bɛkyɛ no; na deɛ ɔbɛkasa atia Honhom Kronkron deɛ, wɔremfa nkyɛ no wiase ha ne wiase a ɛreba no mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

32 Nea ɔbɛkasa atia Onipa Ba no, wɔde bɛkyɛ no. Nanso nea ɔbɛkasa atia Honhom Kronkron no de, wɔremfa nkyɛ no da biara da.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

32 Deɛ ɔbɛkasa atia Onipa Ba no, wɔde bɛkyɛ no. Nanso, deɛ ɔbɛkasa atia Honhom Kronkron no deɛ, wɔremfa nkyɛ no da biara da.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

32 Na nea ɔbɛkasa atia Onipa Ba no, wɔde bɛkyɛ no; na nea ɔbɛkasa atia Honhom Kronkron de, wɔremfa nkyɛ no wiase ha ne wiase a ɛreba no mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Mateo 12:32
35 Iomraidhean Croise  

Na akoma mu ansuronyamefoɔ kora abufuo, sɛ ɔkyekyere wɔn a, wɔnkoto nsrɛ.


Onipa ba no baeɛ, ɔdidi na ɔnom, na wɔse: Hwɛ, odidifoɔ ne ɔsanomfoɔ, togyefoɔ ne nnebɔneyɛfoɔ adamfo. Nanso, nyansa nam ne nnwuma so di bem.


Yei nti mese mo sɛ: Wɔde bɔne ne abususɛm nyinaa bɛkyɛ nnipa, na honhom ho abususɛm deɛ, wɔremfa nkyɛ nnipa.


Na Onipa Ba no yɛ homeda no wura.


Na deɛ wɔguu no nkasɛɛ mu no ne deɛ ɔte asɛm no, na wiase asetena yi mu dadwene ne haw ne ahonyadeɛ nnaadaa mia asɛm no, na ɛnso aba.


ɔtamfoɔ a ɔguiɛ no ne ɔbonsam; twa berɛ no ne wiase awieeɛ; twafoɔ no ne abɔfoɔ.


Enti sɛdeɛ wɔboaboa wura no ano na wɔde ogya hyeɛ no, saa ara na ɛbɛyɛ wiase awieeɛ.


Ɛnyɛ duadwumfoɔ no ba no nie? Wɔmfrɛ ne na Maria, ne ne nuanom Yakobo, Yosef, Simon ne Yuda?


Na Yesu see no sɛ: Nsakraman wɔ abɔn, na ewiem nnomaa wɔ mpirebuo, nanso onipa ba no deɛ, ɔnni faako a ɔde ne tiri toɔ.


na ɔrennya afie, ne nuammarimanom, ne nuammaanom, ne ɛnanom, ne mma ne nsase mmɔho ɔha a ɔtaa ka ho, seesei wɔ ɛberɛ yi mu ne daa nkwa, wiase a ɛreba no mu.


Nokorɛ mese mo sɛ, wɔde nnipa mma bɔne ne abususɛm a wɔbɛka nyinaa bɛkyɛ wɔn;


na mmom deɛ ɔbɛka abususɛm atia Honhom Kronkron no deɛ, ɔrennya fakyɛ da, na daa afobuo da ne so.


Na obiara a ɔbɛka asɛm bi atia Onipa Ba no, wɔde bɛkyɛ no; na deɛ ɔbɛka abususɛm atia Honhom Kronkron no, wɔremfa nkyɛ no.


Na owura no kamfoo efiepanin oniteɛfoɔ no sɛ wadi no nyansam; yei mpo kyerɛ sɛ, wiase yi mma wɔ nyansa sene hann mma wɔn mfɛfoɔ mu.


na ɔrennya no mmɔho pii ɛberɛ yi mu ne wiase a ɛreba no mu daa nkwa.


Na Yesu kaa sɛ: Agya, fa kyɛ wɔn, na wɔnnim deɛ wɔreyɛ! Na wɔtwee ntonto de kyɛɛ ne ntoma mu.


Onipa ba no aba, ɔdidi na ɔnom, na mose: Hwɛ, onipa didifoɔ ne ɔsanomfoɔ, togyefoɔ ne nnebɔneyɛfoɔ adamfo.


Na huhuhuhu bebree aba nkurɔfoɔ akuakuo no mu wɔ ne ho. Ebinom se: Ɔyɛ onipa pa; na ebinom se: Dabi, na ɔdaadaa nkurɔfoɔ mmom.


Na yei deɛ, ɔkaa wɔ Honhom a wɔn a wɔgye no die rebɛnya no ho; na Honhom no nnya mmae, ɛfiri sɛ wɔnnya nhyɛɛ Yesu animuonyam.


Wɔbua see no sɛ: Dabrɛ wo nso wofiri Galilea? Hwehwɛ mu, na wobɛhunu sɛ odiyifoɔ nsɔree wɔ Galilea pɛn.


Enti monsakyera mo adwene, na monnane mo ho, na wɔapepa mo bɔne,


mpaninnie ne tumidie ne ahoɔden ne wurayɛ nyinaa so, ɛne din a wɔde toɔ, ɛnyɛ wiase ha nko, na mmom wiase a ɛreba no nso mu.


Ɛwom sɛ na anka kane no, meyɛ mmusubɔfoɔ ne ɔtaafoɔ ne oniɛdenfoɔ, nanso wɔahu me mmɔborɔ, ɛfiri sɛ na mennim na meyɛɛ no gyeɛ a mannye mannie mu.


Ɛyɛ nokwasɛm a ɛsɛ sɛ wɔgye koraa, sɛ Kristo Yesu baa wiase bɛgyee nnebɔneyɛfoɔ a me na medi wɔn mu kan.


na honam mu mmɔdemmɔ ho mfasoɔ sua, na onyamesom pa ho wɔ mfasoɔ, ade nyinaa mu, na ɛwɔ nkwa a ɛwɔ hɔ yi ne deɛ ɛrebɛba no ho bɔhyɛ.


Adefoɔ a wɔwɔ wiase, kasa kyerɛ wɔn sɛ wɔnnnwene akokurokosɛm, anaasɛ wɔmmfa wɔn ani nnto ahonyadeɛ a ɛnni hɔ daa so, na wɔmfa wɔn ani nto Onyankopɔn a ɔma yɛn nnoɔma nyinaa ma no dɔɔso sɛ yɛnnie no so,


Ɛfiri sɛ Dema apɛ seesei wiase agya me hɔ, na wasim kɔ Tesalonika, Kreske kɔ Galatia, Tito kɔ Dalmatia.


Na ɛyɛne yɛn, sɛ, sɛ yɛapa mmusubɔ ne wiase akɔnnɔ a, yɛmfa adwenemuteɛ ne tenenee ne onyamesom pa ntena wiase berɛ yi mu,


Onyamesom a ɛho teɛ na ɛho nni fi wɔ Agya Nyankopɔn anim ne sɛ obi kɔhwɛ nnyanka ne akunafoɔ wɔ wɔn ahohiahia mu, na ɔyi ne ho firi wiase nkekaeɛ mu.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan