Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Mateo 12:2 - New Revised Asante Twi Bible

2 Na Farisifoɔ no hunuiɛ no, wɔka kyerɛɛ no sɛ: Hwɛ, w’asuafoɔ yɛ deɛ ɛnni ho kwan sɛ wɔyɛ no homeda.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

2 Na Farisifoɔ no hunuiɛ no, wɔka kyerɛɛ no sɛ: Hwɛ, w’asuafoɔ yɛ deɛ ɛnni ho kwan sɛ wɔyɛ no homeda.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

2 Farisifo bi huu nea asuafo no reyɛ no, anyɛ wɔn abodwo. Wobisaa Yesu se, “Woahu sɛ wʼasuafo no abu Homeda mmara no so?”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

2 Farisifoɔ bi hunuu deɛ asuafoɔ no reyɛ no, anyɛ wɔn abodwo. Wɔbisaa Yesu sɛ, “Woahunu sɛ wʼasuafoɔ no abu Homeda mmara no so?”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

2 Na Farisifo no hui no, wɔka kyerɛɛ no sɛ: Hwɛ, w’asuafo yɛ nea enni ho kwan sɛ wɔyɛ homeda.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Mateo 12:2
19 Iomraidhean Croise  

Nnansia na fa yɛ w’adwuma, na ɛda a ɛtɔ so nson no, fa home; na wo nantwie ne w’afunumu nhome, na w’afenaa ba ne wo hɔhoɔ nya ahomegyeɛ.


Nnansia na wɔmfa nyɛ adwuma, na ɛda a ɛtɔ so nson no nyɛ mo homeda kronkron a mode home ma AWURADE; obiara a ɔbɛyɛ mu adwuma no, wɔbɛku no.


Sɛ wosianka wo nan homeda na me da kronkron no woanyɛ deɛ wo pɛ, na wofrɛ me homeda sɛ anigyedeɛ, ne AWURADE da kronkron no sɛ da a ɛsɛ anidie, na wodi no ni na woamfa wo ara w’akwan so, na woanyɛ deɛ wo ara wo pɛ, na woankeka nsɛm hunu a,


Na hwɛ, na onipa bi wɔ hɔ a ne nsa awuo. Na wɔbisaa no sɛ: Ɛwɔ ho kwan sɛ wɔsa yadeɛ homeda anaa? Na wɔakɔtoto n’ano.


Na ɔsee wɔn sɛ: Monkenkann deɛ Dawid yɛeɛ, berɛ a ɛkɔm dee no ne wɔn a wɔka ne ho no?


Na Farisifoɔ no see no sɛ: Hwɛ, adɛn nti na wɔreyɛ deɛ ɛnni ho kwan sɛ wɔyɛ no homeda yi?


Na Yesu see mmarakyerɛfoɔ ne Farisifoɔ no sɛ: Ɛwɔ ho kwan sɛ wɔsa yadeɛ homeda anaasɛ wɔnsa?


Na wɔsane bɛsiesiee nnuro ne ngo hwamhwam. Na homeda no, wɔyɛɛ komm homee sɛdeɛ mmara no teɛ no.


Na Farisifoɔ mu binom bisaa wɔn sɛ: Adɛn na moreyɛ deɛ ɛnni ho kwan sɛ wɔyɛ no homeda?


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan