Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Mateo 12:15 - New Revised Asante Twi Bible

15 Na Yesu hunuiɛ no, ɔtwee ne ho firii hɔ, na nkurɔfoɔ akuakuo pii dii n’akyi, na ɔsaa wɔn nyinaa yadeɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

15 Na Yesu hunuiɛ no, ɔtwee ne ho firii hɔ, na nkurɔfoɔ akuakuo pii dii n’akyi, na ɔsaa wɔn nyinaa yadeɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

15 Esiane sɛ na onim pɔw a wɔrebɔ wɔ ne ho no nti, ofii hyiadan no mu maa nnipadɔm dii nʼakyi. Ɔsaa wɔn mu ayarefo no nyinaa yare.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

15 Esiane sɛ na ɔnim ɛpɔ a wɔrebɔ wɔ ne ho no enti, ɔfirii hyiadan no mu maa nnipadɔm dii nʼakyi. Ɔsaa wɔn mu ayarefoɔ no nyinaa yadeɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

15 Na Yesu hui no, ɔtwee ne ho fii hɔ, na nkurɔfo akuwakuw pii dii n’akyi, na ɔsaa wɔn nyinaa yare.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Mateo 12:15
15 Iomraidhean Croise  

Na sɛ wɔtaa mo kuro yi mu a, monnwane nkɔ foforɔ mu; na nokorɛ mese mo sɛ, morenwie Israel nkuro nyinaa mu ansa na Onipa Ba no aba.


Na nkurɔfoɔ akuakuo pii dii n’akyi, na ɔsaa wɔn yadeɛ wɔ hɔ.


Na baabiara a ɔkɔeɛ, nkuraase, anaa nkuro, anaa nkuraa mu no, wɔde ayarefoɔ bɛguu edwa mu; na wɔsrɛɛ no sɛ ɔmma wɔnka n’atadeɛ ano nnwo nko ara; na dodoɔ a wɔkaa no no, wɔn ho yɛɛ wɔn den!


Na Yesu hunuu wɔn adwene no, ɔbua see wɔn sɛ: Ɛdeɛn na moresusu wɔ mo akoma mu yi?


Na ɛbaa sɛ nna no mu ɔfirii adi kɔɔ bepɔ so mpaebɔ, na ɔbɔɔ Onyankopɔn mpaeɛ anadwo mu no nyinaa.


Na nkurɔfoɔ akuakuo no hunuiɛ no, wɔdii n’akyi; na ɔgyee wɔn kaa wɔn Nyankopɔn ahennie ho asɛm, na ɔsaa wɔn a ɛhia ayaresa no yadeɛ.


Enti Yesu anyi ne ho adi pefee annante Yudafoɔ no mu bio, na ɔfirii hɔ kɔɔ asase a ɛbɛn ɛserɛ soɔ, kuro bi a wɔfrɛ no Efraim mu, na ɔne n’asuafoɔ no tenaa hɔ.


Na yeinom akyiri no, Yesu kyinii Galilea; na ɔmpɛ sɛ ɔkyini Yudea, ɛfiri sɛ na Yudafoɔ no rehwehwɛ no akum no.


Ɛsɛ yɛn sɛ adekyeeɛ wɔ hɔ yi, yɛyɛ deɛ ɔsomaa me no nnwuma; anadwo reba a obiara ntumi nyɛ adwuma.


Na mommma yɛmmmrɛ papayɛ mu; na sɛ yɛampa aba a, yɛbɛtwa so aba ne berɛ mu.


Na yei na wɔbɔɔ din frɛɛ mo, ɛfiri sɛ Kristo nso hunuu amane maa mo gyaa mo nhwɛsoɔ sɛ monni n’anammɔn akyi.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan