Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Mateo 11:6 - New Revised Asante Twi Bible

6 Na nhyira ne deɛ merento no suntidua.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

6 Na nhyira ne deɛ merento no suntidua.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

6 Monsan nka nkyerɛ no bio se, Nhyira ne wɔn a merento wɔn hintidua.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

6 Monsane nka nkyerɛ no bio sɛ, Nhyira ne deɛ merenyɛ no suntidua.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

6 Na nhyira ne nea merento no hintidua.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Mateo 11:6
26 Iomraidhean Croise  

Nhyira ne wɔn a wɔn kwan yɛ pɛ, na wɔnam AWURADE mmara soɔ.


nanso ɔnni nhini wɔ ne mu, na ɔtena hɔ kakra, na sɛ asɛm no nti amanehunu anaa ɔtaa ba a, ntɛm ara na ato no suntidua.


Suntiduatoɔ nti wiase nnue! Na ɛtwa sɛ suntiduatoɔ ba deɛ, nanso onipa a suntiduatoɔ nam ne so ba no nnue!


Na ɛno na ɛbɛto nnipa bebree suntidua; na wɔbɛyiyi wɔn ho ama, na wɔatentane wɔn ho.


Ɛnna Yesu see wɔn sɛ: Me ho bɛyɛ mo nyinaa suntidua anadwo yi. Na wɔatwerɛ sɛ: Mɛbɔ odwanhwɛfoɔ no, na ekuo no mu nnwan abɔ apete.


Na sɛ w’ani nifa to wo suntidua a, tu, na to firi wo ho twene! Na ɛyɛ ma wo sɛ, wo ho akwaa mu baako bɛsɛeɛ, na wɔamfa wo nipadua nyinaa ankɔto amanehunu kurom.


Ɛnyɛ duadwumfoɔ yi a ɔyɛ Maria ba no, Yakobo ne Yose ne Yuda ne Simon nom nua no nie? Na ɛnyɛ ne nuammaa na wɔwɔ yɛn nkyɛn ha yi? Na ɔyɛɛ suntidua maa wɔn.


Na Simeon hyiraa wɔn, na ɔka kyerɛɛ ne na Maria sɛ: Hwɛ, abɔfra yi na wɔde no asi hɔ ama Israel nnipa bebree ahweaseɛ ne wɔn sɔreɛ ne nsɛnkyerɛnneɛ a wɔbɛkasa atia no,


na nhyira ne deɛ merenyɛ no suntidua.


Yeinom na maka makyerɛ mo na moansunti.


Ɛfiri ɛno soɔ no, n’asuafoɔ mu pii sanee wɔn akyiri, na wɔne no annante bio.


Na onipa a ɔnni honhom no nnye Nyankopɔn Honhom adeɛ, na ɛyɛ no nkwaseasɛm, na ɔntumi nhunu mu, ɛfiri sɛ wɔbu mu atɛn honhom mu.


Na me deɛ, anuanom, sɛ meda so meka twetiatwasɛm a, anka adɛn na wɔda so taa me? Ɛnneɛ na anka asɛnnua no suntidua no nni hɔ bio.


ne suntiboɔ ne suntiduatoɔ botan ama wɔn. Wɔn na wɔsunti, ɛfiri sɛ wɔntie asɛm no. Ɛno nti na wɔyii wɔn maeɛ.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan