Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Mateo 11:29 - New Revised Asante Twi Bible

29 Momfa me kɔnnua nto mo ho so, na monsua me, ɛfiri sɛ medwo na mebrɛ me ho ase akoma mu; na mobɛnya ɔhome ama mo kra.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

29 Momfa me kɔnnua nto mo ho so, na monsua me, ɛfiri sɛ medwo na mebrɛ me ho ase akoma mu; na mobɛnya ɔhome ama mo kra.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

29 Momfa me konnua nto mo ho so, na munsua me, efisɛ midwo na mebrɛ me ho ase koma mu, na mubenya ɔhome ama mo kra.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

29 Momfa me kɔnnua nto mo ho so, na monsua me, ɛfiri sɛ, medwo, na mebrɛ me ho ase akoma mu, na mobɛnya ahome ama mo kra.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

29 Momfa me kɔnnua nto mo ho so, na munsua me, sɛ midwo na mebrɛ me ho ase koma mu; na mubenya ɔhome ama mo kra.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Mateo 11:29
38 Iomraidhean Croise  

Na sɛ, m’agya de kɔnnua duruduro soaa mo a, me deɛ, mɛto mo kɔnnua no so; m’agya de mpire na ɛhwee mo a, me deɛ, mede anyanyankyerɛ na ɛbɛhwe mo.


Me kra, sane kɔ wo home mu, na AWURADE ne wo adi no yie.


AWURADE, m’akoma nyɛ dwaeɛ, na m’ani ntra ne ntɔn, na menyɛ apɔmpɔmpɛ, na menhwehwɛ anwanwadeɛ a ɛkyɛne me.


N’akwan yɛ akwan a ɛyɛ fɛ, na n’asa nyinaa yɛ asomdwoeɛ.


ɔno na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Ɔhome nie! momma deɛ wabrɛ nhome! na ahodwoɔ nie! nanso wɔampɛ sɛ wɔtie no.


na wɔn a wɔdwoɔ bɛnya AWURADE mu anigyeɛ foforɔ, na nnipa mu ahiafoɔ ho asɛpɛ wɔn, Israel Kronkronni no mu;


Sɛ AWURADE seɛ nie: Monkɔgyina akwan so na monhwɛ, na mommisa tete atempɔn no, deɛ ɔkwan pa no wɔ, na momfa so, na monnya home mma mo kra. Nanso wɔse: Yɛremfa so.


Di ahurisie pii, Sion babaa, huro, Yerusalem babaa! Hwɛ, wo hene reba wo nkyɛn, ɔtene, na ɔwɔ nkwagyeɛ; ɔdwo, na ɔte afunumu so, afunumuburuwa a ɔyɛ afunumubereɛ ba so.


Na ɔbarima Mose deɛ, na ɔdwo pii sene nnipa a wɔwɔ asase soɔ nyinaa.


Na ɔgu so rekasa no, hwɛ, mununkum hyɛnhyɛn bi bɛkataa wɔn so, na hwɛ, ɛnne bi firi mununkum no mu kaa sɛ: Oyi ne me dɔba a ɔsɔ m’ani. Montie no!


Monka nkyerɛ Sion babaa sɛ: Hwɛ, wo hene reba wo nkyɛn, ɔdwo, na ɔte afunumu ne afunumu a ɔsoa nnoɔma ba so.


na monkyerɛkyerɛ wɔn sɛ wɔnni deɛ mahyɛ mo nyinaa so. Na hwɛ, me ne mo wɔ hɔ nna nyinaa de kɔsi wiase awieeɛ.


Enti obiara a ɔte me nsɛm yi na ɔyɛ no, mede no bɛto ɔbadwemma a ɔtoo n’aban wɔ botan soɔ no ho.


Na wɔfirii adi bɛhwɛɛ deɛ asie; na wɔbaa Yesu nkyɛn, na wɔbɛhunuu onipa a ahonhommɔne firii ne mu kɔeɛ no sɛ ɔte Yesu nan ase fira ntoma a n’adwene mu ateɛ; na wɔsuroe.


Na mama mo nhwɛsoɔ sɛ, sɛdeɛ mayɛ mo no, mo nso monyɛ saa ara.


Sɛ monim yeinom na moyɛ a, nhyira ne mo.


Oyi ne Mose a ɔka kyerɛɛ Israel mma sɛ: Odiyifoɔ a ɔte sɛ me na Onyankopɔn bɛma no so mo nuanom mu ama mo.


Wɔn a wɔnhyɛ mmara no aseɛ no, meyɛɛ me ho memaa wɔn sɛ obi a ɔnhyɛ mmara no ase, (ɛnyɛ sɛ menni mmara wɔ Nyankopɔn anim, mmom mewɔ Kristo mmara mu,) na manya wɔn a wɔnni mmara no.


Me Paulo ara na menam Kristo dwoɔ a ɔdwoɔ ne n’ayamyɛ so metu mo foɔ, me a mewɔ mo nkyɛn a, meyɛ mmɔborɔfoɔ wɔ mo mu, nanso menni mo nkyɛn a, meyɛ mo ho kokoɔdurufoɔ.


ne biribiara a ɛkorɔn a wɔma so de ne Nyankopɔn nimdeɛ di asie, na yɛafa adwene nyinaa dommum de ayɛ setie ama Kristo,


Momma adwene a ɛwɔ Kristo Yesu mu no ara ntena mo mu bi.


Na monim ahyɛdeɛ a yɛnam Awurade Yesu so de maa mo no.


na watɔ wɔn a wɔnnim Onyankopɔn, na wɔantie yɛn Awurade Yesu asɛmpa no so were.


na ɔnya dii mu no, ɔyɛɛ wɔn a wɔyɛ setie ma no no nyinaa daa nkwagyeɛ farebae,


Deɛ ɔka sɛ ɔte ne mu no, ɛsɛ no sɛ ɔnante sɛdeɛ ɔno nso nanteeɛ.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan