Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Mateo 11:27 - New Revised Asante Twi Bible

27 M’agya de nnoɔma nyinaa ahyɛ me nsa; na obiara nnim Ɔba no, gye Agya no, na obiara nnim Agya no, gye Ɔba no ne deɛ Ɔba no pɛ sɛ ɔyi no adi kyerɛ no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

27 M’agya de nnoɔma nyinaa ahyɛ me nsa; na obiara nnim Ɔba no, gye Agya no, na obiara nnim Agya no, gye Ɔba no ne deɛ Ɔba no pɛ sɛ ɔyi no adi kyerɛ no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

27 “Mʼagya no de nneɛma nyinaa ahyɛ me nsa. Obiara nnim Ɔba no gye Agya no nko ara. Na obiara nnim Agya no gye Ɔba no, ne wɔn a Ɔba no pɛ sɛ ɔda no adi kyerɛ wɔn.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

27 “Mʼagya no de nneɛma nyinaa ahyɛ me nsa. Obiara nnim Ɔba no gye Agya no nko ara. Na obiara nnim Agya no gye Ɔba no, ne wɔn a Ɔba no pɛ sɛ ɔda no adi kyerɛ wɔn.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

27 M’agya de nneɛma nyinaa ahyɛ me nsa; na obiara nnim ɔba no, gye agya no, na obiara nnim agya no, gye Ɔba no ne nea Ɔba no pɛ sɛ oyi no adi kyerɛ no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Mateo 11:27
21 Iomraidhean Croise  

Na Yesu ba bɛkasa kyerɛɛ wɔn sɛ: Wɔde ɔsoro ne asase so tumi nyinaa ama me.


M’Agya de nnoɔma nyinaa ahyɛ me nsa; na obi nnim deɛ Ɔba no yɛ, gye Agya no. Nanso obi nnim deɛ Agya no yɛ, gye Ɔba no ne deɛ Ɔba no pɛ sɛ ɔyi no adi kyerɛ no.


Obi nhunuu Onyankopɔn pɛn; Ɔba a ɔwoo no korɔ no a ɔtwere Agya no kokom no, ɔno na wayi no adi akyerɛ.


sɛdeɛ Agya no nim me, na me nso menim Agya no. Na mede me nkwa meto hɔ mema nnwan no.


Na Yesu nim sɛ Agya no de nnoɔma nyinaa ahyɛ ne nsa, ɛne sɛ ɔfirii Nyankopɔn nkyɛn, na ɔrekɔ Nyankopɔn nkyɛn nti,


Mayi wo din adi makyerɛ nnipa a wode wɔn firi wiase ama me no. Wɔyɛ wo dea, na wode wɔn ama me; na wɔadi w’asɛm so.


Agya no dɔ Ɔba no, na ɔde nnoɔma nyinaa ahyɛ ne nsa.


Ɛnyɛ sɛ obi ahunu Agya no, gye deɛ ɔwɔ Nyankopɔn nkyɛn no, ɔno na wahunu Agya no.


Na me deɛ, menim no; ɛfiri sɛ mefiri ne nkyɛn, na ɔno na ɔsomaa me.


Ɔno na ɔkɔɔ ɔsoro no, ɔte Nyankopɔn nifa, na abɔfoɔ ne wɔn a wɔwɔ ahoɔden ne tumi mu no abrɛ wɔn ho ase ama no.


Obiara a ɔpo Ɔba no, ɔnni Agya no nso, na deɛ ɔpae mu bɔ Ɔba no din no, wɔ Agya no nso.


Obiara a ɔfom na ɔntena Kristo nkyerɛkyerɛ no mu no, ɔnni Onyankopɔn. Na deɛ ɔtena nkyerɛkyerɛ no mu no, ɔno na ɔwɔ Agya no ne Ɔba no.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan