Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Mateo 11:24 - New Revised Asante Twi Bible

24 Nso mese mo sɛ, atemmuda no, ɛbɛfanyinam Sodom asase asene wo.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

24 Nso mese mo sɛ, atemmuda no, ɛbɛfanyinam Sodom asase asene wo.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

24 Mereka nokware akyerɛ mo se, atemmuda no, Tiro ne Sodom benya gyinabea pa asen mo!”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

24 Mereka nokorɛ akyerɛ mo sɛ, Atemmuo da no, Tiro ne Sodom bɛnya gyinabea pa asene mo!”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

24 Nso mise mo sɛ, atemmu da no, ɛbɛfanim Sodom asase asen wo.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Mateo 11:24
8 Iomraidhean Croise  

Na Yerusalem adiyifoɔ no mu nso mahunu ahodwirideɛ, wɔsɛe awareɛ na wɔdi atorɔ, na wɔhyɛ nnebɔneyɛfoɔ nsa den, sɛdeɛ ɛbɛyɛ na obiara ansane amfiri ne bɔne mu; wɔn nyinaa adane me sɛ Sodom, na emufoɔ ayɛ sɛ Gomora.


Na me man babaa amumuyɛ so akatua sene Sodom bɔne no deɛ, ɛno nti na wɔbutuu no amonom, a ɛnyɛ nsa na ɛsɛe no.


Sɛ mete aseɛ yi, AWURADE Nyankopɔn asɛm nie, ampa, wo nuabaa Sodom ne ne mmammaa anyɛ sɛdeɛ wo ne wo mmammaa ayɛ yi.


Nokorɛ mese mo sɛ, atemmuo da no, ɛbɛfanyinam Sodom ne Gomora asase no asene saa kuro no.


Nso mese mo sɛ, atemmuda no, ɛbɛfanyinam Tiro ne Sidon asene mo.


(Monnue! Mo Atwerɛfoɔ ne Farisifoɔ, nyaatwomfoɔ! Sɛ mobɔ akunafoɔ apoo, nanso moboapa bɔ mpaeɛ atentene kyerɛ. Yei nti, mobɛnya afobuo a ɛso.)


Na wɔn a wɔrennye mo, na wɔrentie mo asɛm no, sɛ morefiri hɔ akɔ a, momporoporo mo nan ase mfuturo nni wɔn adanseɛ.


Na mese mo sɛ, ɛda no, ɛbɛfanyinam Sodom asene kuro no.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan