Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Mateo 11:21 - New Revised Asante Twi Bible

21 Korasin, due! Betsaida, due! Ɛfiri sɛ tumideɛ a wɔayɛ no mo mu yi, sɛ wɔyɛɛ no Tiro ne Sidon a, anka wɔasakyera wɔn adwene ayitoma ne nso mu dada.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

21 Korasin, due! Betsaida, due! Ɛfiri sɛ tumideɛ a wɔayɛ no mo mu yi, sɛ wɔyɛɛ no Tiro ne Sidon a, anka wɔasakyera wɔn adwene ayitoma ne nso mu dada.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

21 “Korasin, due! Betsaida, due! Anwonwade a meyɛɛ no mo mu no, sɛ meyɛɛ no Tiro ne Sidon a, anka ɛhɔfo no de awerɛhow ne ahonu asakra wɔn adwene dedaw.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

21 “Korasin, due! Betsaida, due! Anwanwadeɛ a meyɛɛ no mo mu no, sɛ meyɛɛ no Tiro ne Sidon a, anka ɛhɔfoɔ no de awerɛhoɔ ne ahonuo asakyera wɔn adwene dada.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

21 Korasin, due! Betsaida, due! Efisɛ tumide a wɔayɛ no mo mu yi, sɛ wɔyɛɛ no Tiro ne Sidon a, anka wɔasakra wɔn adwene ayitoma ne nso mu dedaw.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Mateo 11:21
31 Iomraidhean Croise  

Saa nti na mepo me ho na menu me ho, dɔteɛ ne nso mu.


W’akyiwadeɛ a ɛne w’awaresɛeɛ, ne wo hwenemporeɛ, w’adwamammɔ atantanneɛ, wiram nkokoɔ so, na mahunu. Due, O Yerusalem! Ɛnkɔsi da bɛn na wo ho bɛte bio?


Nanso moreyɛ me dɛn, Tiro ne Sidon ne Filistifoɔ amantoɔ nyinaa? Deɛ mayɛ bi na mode rehyɛ me ananmu, anaasɛ mo na moreyɛ me biribie? Ɛherɛ so ntɛm so na mɛdane deɛ moreyɛ no agu mo atifi.


Sɛ AWURADE seɛ nie: Tiro amumuyɛ ntoatoasoɔ nti merennane n’asotwe no, sɛ wɔde atukɔfoɔ ɔman mu hyɛɛ Edom nsa, na wɔankae anuanom apam no nti.


Nso mese mo sɛ, atemmuda no, ɛbɛfanyinam Tiro ne Sidon asene mo.


Na Yesu firi hɔ kɔɔ Tiro ne Sidon fa mu.


Suntiduatoɔ nti wiase nnue! Na ɛtwa sɛ suntiduatoɔ ba deɛ, nanso onipa a suntiduatoɔ nam ne so ba no nnue!


Onipa ba no rekɔ sɛdeɛ wɔatwerɛ ne ho deɛ, nanso onipa a ɔbɛyi Onipa Ba no ama no nnue! Sɛ wɔanwo saa onipa no a, anka ɛyɛ ma no.


Yerusalem, Idumea, Yordan agya ne wɔn a wɔwɔ Tiro ne Sidon fam, nnipakuo pii a wɔtee nnoɔma a ɔyɛeɛ no baa ne nkyɛn.


Na ntɛm ara na ɔpiapiaa n’asuafoɔ no sɛ wɔnkɔ kodoɔ mu, na wɔnni n’anim nkɔ asuogya nohoa, Betsaida fam, na ɔnnya nkurɔfokuo no kwan ansa.


Na ɔsɔre firii hɔ kɔɔ Tiro ne Sidon fam. Na ɔkɔɔ efie bi mu, na wampɛ sɛ obiara teɛ; nso wantumi anhunta.


Na ɔfiri Tiro ahyeɛ so nam Sidon baa Galilea po ho faa Dekapoli ahyeɛ so.


Na wɔduruu Betsaida. Na wɔde onifirani bi brɛɛ no, na wɔsrɛɛ no sɛ ɔmfa ne nsa nka no.


nanso wɔansoma Elia ankɔ wɔn mu biara nkyɛn sɛ Sidon kuro Sarepta mu ɔbaa kunafoɔ bi nkyɛn.


Na ɔne wɔn sianeeɛ no, ɔbɛgyinaa baabi a ɛhɔ da soɔ; ɔne n’asuafoɔ bebree ne nnipa pii a wɔfiri Yudea nyinaa ne Yerusalem ne Tiro ne Sidon mpoano a wɔbaa sɛ wɔrebɛtie no na wasa wɔn yadeɛ,


Na asomafoɔ no sane bae, na wɔbɛkaa deɛ wɔakɔyɛ nyinaa kyerɛɛ no. Na ɔfaa wɔn de wɔn kɔɔ afa baabi, kuro a wɔfrɛ no Betsaida no ho.


Nso Filipo firi Betsaida, Andrea ne Petro kuro mu.


ɛnna wɔbaa Filipo a ɔfiri Betsaida a ɛwɔ Galilea no nkyɛn, na wɔbɛka kyerɛɛ no sɛ: Owura, yɛpɛ sɛ yɛhunu Yesu.


Afei na Herode afa Tirofoɔ ne Sidonfoɔ ho abufuo; enti wɔyɛɛ nokorɔ baa ne nkyɛn, na wɔde bɛbɔɔ ɔhene dabehene Blasto so sɛ ɔnsrɛ amannwoeɛ mma wɔn, ɛfiri sɛ ɔhene no asase so na wɔnya nnuane.


Na adeɛ kyeeɛ no, yɛkɔgyinaa Sidon. Na Yulio yɛɛ Paulo adɔeɛ maa no kwan sɛ ɔnkɔ ne nnamfonom nkyɛn mma wɔnhwɛ no.


Wɔnnue, ɛfiri sɛ wɔafa Kain kwan so, na mfasoɔ nti, wɔde wɔn ho akɔhyɛ Bileam nnaadaasɛm mu, na wɔayera sɛ Kora wɔ atuateɛ mu.


Na mɛma m’adansefoɔ baanu afirafira ayitoma abɛka adiyisɛm nna apem ahanu aduosia.


Na ɔtee nsɔano a ɛtɔ so nsia no ano no, mehunuu asasewosoɔ kɛseɛ, na owia yɛɛ tumm sɛ ayitoma, na ɔsrane danee sɛ mogya.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan