Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Mateo 11:18 - New Revised Asante Twi Bible

18 Na Yohane baeɛ, ɔnnidi na ɔnnom, na wɔse: Ɔwɔ honhommɔne.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

18 Na Yohane baeɛ, ɔnnidi na ɔnnom, na wɔse: Ɔwɔ honhommɔne.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

18 Yohane bae a onnidi na ɔnnom no, wose, ‘Ɔwɔ honhommɔne.’

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

18 Yohane baeɛ a ɔnnidi na ɔnnom no, wɔse, ‘Ɔwɔ honhommɔne.’

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

18 Na Yohane bae, onnidi na ɔnnom, na wose: Ɔwɔ honhommɔne.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Mateo 11:18
17 Iomraidhean Croise  

Na Yehu firii adi baa ne wura nkoa nkyɛn. Na obi bisaa no sɛ: Ɛyɛ anaa? Adɛn nti na ɔbɔdamfoɔ yi baa wo nkyɛn yi? Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Mo ara monim ɔbarima no ne ne nsɛnkeka.


Mantena aserefoɔ dwabɔ mu manni ahurisie; wo nsa nti, me nko na metenaeɛ, ɛfiri sɛ wode abufuo ahyɛ me ma.


AWURADE ahyɛ wo sɔfoɔ asi Ɔsɔfoɔ Yehoiada ananmu, sɛ ɔhwɛfoɔ, sɛ hwɛ AWURADE fie nti, obiara a wabɔ dam na ɔhyɛ nkɔm, na woato no dua mu ne ɛdan mu nti,


Asotwe nna no anya aba, aweretɔ nna no anya adu; Israel bɛhunu sɛ odiyifoɔ no yɛ ogyimifoɔ, na honhom nipa no yɛ ɔbɔdamfoɔ, amumuyɛ dodoɔ ne ɔtane a ɛso pii no nti.


Ɛdɔɔso ma osuani sɛ ɔbɛyɛ sɛ ne kyerɛkyerɛfoɔ ne akoa sɛ ɔbɛyɛ sɛ ne wura; na sɛ wɔafrɛ efie wura no Beelsebul a, mprɛ ahe na wɔremfa mfrɛ ne fiefoɔ?


Yɛahyɛne atɛntɛbɛn ama mo na moansa; yɛatwa agyaadwo ama mo, na mo werɛ anho.


Nso na Yohane yi fira ntoma a wɔde yoma nwi na ayɛ, na nwoma abɔsoɔ bɔ n’asene, na n’aduane ne ntutummɛ ne wiram woɔ.


Na Farisifoɔ no deɛ, wɔkaa sɛ: Ɔnam ahonhommɔne panin so na ɔtu ahonhommɔne.


Na Atwerɛfoɔ a wɔfiri Yerusalem baeɛ no kaa sɛ: Ɔwɔ Beelsebul, na ahonhommɔne panin so na ɔnam tutu ahonhommɔne.


Ɛfiri sɛ ɔbɛyɛ kɛseɛ Awurade anim, na ɔrennom bobesa anaa nsa biara, na Honhom Kronkron bɛhyɛ no ma afiri ne na yam mpo.


Na wɔn mu bebree kaa sɛ: Ɔwɔ honhommɔne, na wabɔ dam; adɛn nti na motie no?


Nkurɔfokuo no buaa sɛ: Wowɔ honhommɔne; hwan na ɔrehwehwɛ wo aku woɔ?


Ɛnna Yudafoɔ no bua see no sɛ: Yɛanka ampa sɛ, woyɛ Samariani na wowɔ honhommɔne?


Ɛnna Yudafoɔ no see no sɛ: Afei na yɛahunu sɛ wowɔ honhommɔne. Abraham ne adiyifoɔ no wuwui, na wo deɛ, wose: Sɛ obi di m’asɛm so a, ɔrenka owuo nhwɛ ara da.


Na ɔyii n’ano saa no, Festo de nne kɛseɛ kaa sɛ: Paulo, woabɔ dam, nwomanim bebrebe abɔ wo dam.


na mmom mehyɛ me nipadua yea, na medi no nya, na mereka asɛm makyerɛ binom yi, me ara wɔanyi me totwene.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan