Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Mateo 11:1 - New Revised Asante Twi Bible

1 Na ɛbaa sɛ Yesu wiee n’asuafoɔ dummienu no kasakyerɛ no, ɔfirii hɔ sɛ ɔrekɔkyerɛkyerɛ na waka asɛm wɔn nkuro mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

1 Na ɛbaa sɛ Yesu wiee n’asuafoɔ dummienu no kasakyerɛ no, ɔfirii hɔ sɛ ɔrekɔkyerɛkyerɛ na waka asɛm wɔn nkuro mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

1 Yesu wiee nʼasuafo dumien no kasakyerɛ no, ofii hɔ kɔɔ nkurow a ɛbemmɛn no mu kɔkyerɛkyerɛɛ asɛm no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

1 Yesu wiee nʼasuafoɔ dumienu no kasakyerɛ no, ɔfirii hɔ kɔɔ nkuro a ɛbemmɛn no mu kɔkyerɛkyerɛɛ asɛm no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

1 Na ɛbae sɛ Yesu wiee n’asuafo dumien no kasakyerɛ no, ofii hɔ sɛ ɔrekɔkyerɛkyerɛ na waka asɛm no nkurow mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Mateo 11:1
19 Iomraidhean Croise  

na monkyerɛkyerɛ wɔn sɛ wɔnni deɛ mahyɛ mo nyinaa so. Na hwɛ, me ne mo wɔ hɔ nna nyinaa de kɔsi wiase awieeɛ.


Na Yesu kyinii Galilea nyinaa, kyerɛkyerɛe wɔn hyia adan mu, na ɔkaa ahennie no ho asɛmpa no, na ɔsaa yadeɛ ne ahoɔmmerɛ biara ɔman no mu.


Na ɛbaa sɛ Yesu wiee nsɛm yi ka no, ne nkyerɛkyerɛ no maa nkurɔfoɔ akuakuo no ho dwirii wɔn,


Na Yesu kyinii nkuro ne nkuraa nyinaa mu kyerɛkyerɛɛ wɔn hyia adan mu, na ɔkaa ahennie no ho asɛmpa, na ɔsaa nyarewa ne ahoɔmmerɛ nyinaa.


Na wɔkɔ kɔkaa asɛm sɛ wɔnsakyera wɔn adwene.


Nanso wɔkae ara sɛ: Ɔhwanyan ɔman mu, ɔkyerɛkyerɛ Yudea man nyinaa mu, ɔfirii aseɛ Galilea na ɔde abɛduru ha yi.


Na ɛbaa sɛ yei akyiri no, ɔkɔfaa nkuro ne nkuraa nyinaa mu, kaa Nyankopɔn ahennie ho asɛmpa kyerɛe, na dummienu no ka ne ho,


Sɛ modi m’ahyɛdeɛ so a, mobɛtena me dɔ mu, sɛdeɛ madi m’Agya ahyɛdeɛ soɔ na mete ne dɔ mu no.


Sɛ moyɛ deɛ mehyɛ mo a, na moyɛ me nnamfo.


de bɛsii da a ɔnam Honhom Kronkron soɔ maa asomafoɔ a ɔyii wɔn no ahyɛdeɛ, na wɔfaa no kɔɔ soro no ho.


Yesu a ɔfiri Nasaret, sɛdeɛ Onyankopɔn de Honhom Kronkron ne tumi sraa no, na ɔkyini yɛɛ yie, na ɔsaa wɔn a ɔbonsam hyɛɛ wɔn soɔ no yadeɛ, ɛfiri sɛ Onyankopɔn ka ne ho.


na ɔhyɛɛ yɛn sɛ yɛnka nkyerɛ ɔman no, na yɛnni adanseɛ sɛ ɔno ne ateasefoɔ ne awufoɔ temmufoɔ a Onyankopɔn ayi no asi hɔ no.


Na monim ahyɛdeɛ a yɛnam Awurade Yesu so de maa mo no.


Na yɛwɔ mo nkyɛn no nso, yɛhyɛɛ mo sɛ, sɛ obi mpɛ sɛ ɔyɛ adwuma a, mma ɔno nso nnidi.


Na anuanom, yɛhyɛ mo Awurade Yesu Kristo din mu, sɛ montwe mo ho mfiri onua biara a ɔnam basabasa na ɔnni atetesɛm a ɔnyaa no yɛn nkyɛn no soɔ no ho.


sɛ, hwɛ ahyɛdeɛ no so, mma dɛm anaasɛ asɛm bi mmma ho kɔsi yɛn Awurade Yesu Kristo ahoyie so.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan