Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Mateo 10:8 - New Revised Asante Twi Bible

8 Monsa ayarefoɔ yadeɛ, monnyane awufoɔ, momma akwatafoɔ ho mfi, montu ahonhommɔne; moanya no kwa, na momfa mma kwa!

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

8 Monsa ayarefoɔ yadeɛ, monnyane awufoɔ, momma akwatafoɔ ho mfi, montu ahonhommɔne; moanya no kwa, na momfa mma kwa!

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

8 Monsa ayarefo yare, munnyan awufo, momma akwatafo ho mfi, na muntu ahonhommɔne. Sɛnea munyaa no kwa no, saa ara na mo nso na momfa mma kwa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

8 Monsa ayarefoɔ yadeɛ, monnyane awufoɔ, momma akwatafoɔ ho nte, na montu ahonhommɔne. Sɛdeɛ monyaa no kwa no, saa ara na mo nso momfa mma kwa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

8 Monsa ayarefo yare, munnyan awufo, momma akwatafo ho mfi, muntu ahonhommɔne; munyaa no kwa, na momfa mma kwa!

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Mateo 10:8
15 Iomraidhean Croise  

Mommra oo, mo a sukɔm de mo nyinaa, mommra nsuo ho, na mo a monni sika no, mommra mmɛtɔ, na monni. Mommra mmɛtɔ nsa ne nufosuo; ɛnyɛ sika na wɔde tɔ, na ɛnni boɔ nso.


Na wo ne wo mma a wɔka wo ho no nhwɛ mo asɔfodie no, afɔrebukyia no ho nsɛm nyinaa mu ne ntwamutam no mu deɛ no mu mfa nsom. Mede mo asɔfodie no mama mo sɛ akyɛdeɛ som adwuma; na obi foforɔ biara a ɔpinkyɛ no, wɔnku no.


Na ɔfrɛɛ n’asuafoɔ dummienu no bae, na ɔmaa wɔn ahonhom fi so tumi sɛ wɔntu wɔn, na wɔnsa nyarewa ne ahoɔmmerɛ nyinaa.


Na mokɔ a, monkɔka sɛ: Ɔsoro ahennie no abɛn.


Monnhwehwɛ sika anaa dwetɛ anaa kɔbere nngu mo abɔsoɔ mu,


wɔbɛma awɔ so, na sɛ wɔnom adubɔne biara a, ɛrenyɛ wɔn hwee; wɔde nsa bɛgu ayarefoɔ so ama wɔn ho ayɛ wɔn den.


Na monsa emu ayarefoɔ yadeɛ, na monka nkyerɛ wɔn sɛ: Nyankopɔn ahennie abɛn mo.


Na Petro kaa sɛ: Dwetɛ ne sika deɛ, menni bi, na deɛ mewɔ na mede merema woɔ yi: Nasareni Yesu Kristo din mu, nante!


berɛ a wotene wo nsa sa yadeɛ, na wonam w’akoa kronkron Yesu din so yɛ nsɛnkyerɛnneɛ ne anwanwadeɛ yi.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan