Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Mateo 10:4 - New Revised Asante Twi Bible

4 Simon a ɔfiri Kana ne Yuda Iskariot a ɔyii no maeɛ no nso.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

4 Simon a ɔfiri Kana ne Yuda Iskariot a ɔyii no maeɛ no nso.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

4 Simon a ofi Kana ne Yuda Iskariot a akyiri no, oyii Yesu mae no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

4 Simon a ɔfiri Kana ne Yuda Iskariot a akyire yi, ɔyii Yesu maeɛ no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

4 Simon a ofi Kana ne Yuda Iskariot a oyii no mae no nso.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Mateo 10:4
19 Iomraidhean Croise  

Ɛnna dummienu no mu baako a wɔfrɛ no Yuda Iskariot kɔɔ asɔfoɔ mpanimfoɔ no nkyɛn


sɛ: Ɛdeɛn na mobɛma me na mayi no ahyɛ mo nsa? Na wɔkarii nnwetɛbena aduasa de maa no.


Monim sɛ aka nnanu na Twam da adu, na wɔbɛyi onipa ba no ama sɛ wɔmmɔ no asɛnnua mu.


Na ɔgu so rekasa no, hwɛ, Yuda a ɔyɛ dummienu no mu baako bae, na nkurɔfokuo bebree a wɔkurakura nkrantɛ ne mmaa firi asɔfoɔ mpanimfoɔ ne ɔman no mpanimfoɔ nkyɛn ka ne ho.


Ɛnna Yuda a ɔyii no maeɛ no hunuu sɛ wɔabu no fɔ no, ɔnuu ne ho, na ɔde nnwetɛbena aduasa no sane brɛɛ asɔfoɔ mpanimfoɔ ne mpanimfoɔ no sɛ:


Na Yuda Iskariot, dummienu no mu baako, sii mu kɔɔ asɔfoɔ mpanimfoɔ no nkyɛn sɛ ɔbɛyi Yesu ama wɔn.


Na amonom hɔ ara, ɔgu so rekasa no, Yuda, dummienu no mu baako, bae, na nkurɔfokuo bebree a wɔkurakura nkrantɛ ne mmaa firi asɔfoɔ mpanimfoɔ ne Atwerɛfoɔ ne mpanimfoɔ no nkyɛn ka ne ho.


Na Satan kɔhyɛnee Yuda a wɔfrɛ no Iskariot a ɔyɛ dummienu no mu baako no mu.


Na ɔgu so rekasa no, hwɛ, nnipakuo bi bae a dummienu no mu baako a wɔfrɛ no Yuda di wɔn anim. Na ɔtwe bɛnee Yesu, bɛfee n’ano.


Na wɔrebɛdidie no, na ɔbonsam anya de ahyɛ Yuda Iskariot, Simon ba, akoma mu sɛ ɔnkɔyi no mma.


Na mo mu binom wɔ hɔ a wɔnnye nnie. Na Yesu nim wɔn a wɔnnye nnie no firi mfitiaseɛ, ne deɛ ɔbɛyi no ama no.


Ɔne Yuda Iskariot, Simon ba; na ɔno na ɔrebɛyi no ama, nso ɔyɛ dummienu no mu baako.


Na wɔduruu hɔ no, wɔkɔɔ abansoro dan no mu; ɛhɔ na na Petro ne Yohane ne Yakobo ne Andrea, Filipo ne Toma, Bartolomeo ne Mateo, Alfeo ba Yakobo ne Simon Selote ne Yakobo ba Yuda teɛ.


sɛ ɔmfa ɛsom yi ne asomafodwuma a Yuda firii mu teree ho sɛ ɔrekɔ ɔno ara tenaberɛ no kyɛfa no nsom!


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan