Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Mateo 10:37 - New Revised Asante Twi Bible

37 Deɛ ɔpɛ agya anaa ɛna kyɛne me no, ɔmfata me; na deɛ ɔpɛ ɔbabarima anaa ɔbabaa kyɛne me no, ɔmfata me,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

37 Deɛ ɔpɛ agya anaa ɛna kyɛne me no, ɔmfata me; na deɛ ɔpɛ ɔbabarima anaa ɔbabaa kyɛne me no, ɔmfata me,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

37 “Nea ɔdɔ nʼagya anaa ne na kyɛn me no rentumi nyɛ me de. Saa ara na nea ɔdɔ ne babarima anaa ne babea kyɛn me no rentumi nyɛ me de ara ne no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

37 “Deɛ ɔdɔ nʼagya anaa ne maame kyɛn me no rentumi nyɛ me deɛ. Saa ara na deɛ ɔdɔ ne babarima anaa ne babaa kyɛn me no rentumi nyɛ me deɛ ara no no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

37 Nea ɔpɛ agya anaa ɛna kyɛn me no, ɔmfata me; na nea ɔpɛ ɔbabarima anaa ɔbabea kyɛn me no, ɔmfata me,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Mateo 10:37
15 Iomraidhean Croise  

Na ne ba no nti, asɛm no yɛɛ Abraham ya yie.


Na sɛ obi bɛda so ahyɛ nkɔm a, n’agya ne ne na a wɔwoo no no bɛka akyerɛ no sɛ: Worennya nkwa, ɛfiri sɛ woaka AWURADE din mu atorosɛm. Na ne nkɔmhyɛ no nti na n’agya ne ne na a wɔwoo no no bɛhwire ne mu.


Na ɔsee no sɛ: Dɔ Awurade wo Nyankopɔn w’akoma nyinaa mu ne wo kra nyinaa mu ne w’adwene nyinaa mu!


Ɛnna ɔsee ne nkoa no sɛ: Wɔasiesie ayeforɔhyia no deɛ, nanso wɔn a wɔhyiaa wɔn no, ansɛ wɔn.


Sɛ obi ba me nkyɛn, na ɔntane n’agya ne ne na ne ne yere ne ne mma ne ne nuammarimanom ne ne nuammaanom ne ɔno ara ne ho nso a, ɔntumi nyɛ me suani.


na wɔn a wɔbɛbu wɔn sɛ ɛsɛ wɔn sɛ wɔn nsa bɛka wiase foforɔ no ne ɔsɔreɛ a wɔbɛsɔre afiri awufoɔ mu no deɛ, wɔnware, nso wɔmfa wɔn mma awadeɛ.


Enti monwɛn na monsrɛ daa, na moanya ahoɔden de adwane afiri nnoɔma a ɛrebɛba yi nyinaa mu, na moakɔgyina Onipa Ba no anim.


sɛ wɔn nyinaa nni Ɔba no ni, sɛdeɛ wɔdi Agya no ni no. Deɛ ɔnni Ɔba no ni no nni Agya a ɔsomaa no no ni.


Ɔno a ɔkaa wɔ n’agya ne ne na ho sɛ: Menni wɔn! Na wammu ne nuanom, na ɔpoo ne mma. Na wɔdi wo nsɛm so, na wɔkora w’apam;


Nanso wowɔ nnipa kakraa bi a wɔnguu wɔn ntadeɛ ho fi wɔ Sardi, na wɔne me bɛnante ntadeɛ fitaa mu, ɛfiri sɛ wɔfata.


Adɛn nti na motiatia me kum afɔdeɛ ne m’aduane afɔdeɛ a mahyɛ sɛ wɔmmɔ no me tenabea no soɔ, na wodi wo mma ni sene me, sɛ mode me man Israel ayɛyɛdeɛ nyinaa mu adeɛ a ɛdi kan yɛ mo ho yie?


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan