Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Mateo 10:26 - New Revised Asante Twi Bible

26 Enti monnsuro wɔn; na biribiara nni hɔ a ɛso akata a ɛrenna adie, anaa ahunta a wɔrenhunu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

26 Enti monnsuro wɔn; na biribiara nni hɔ a ɛso akata a ɛrenna adie, anaa ahunta a wɔrenhunu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

26 “Munnsuro wɔn. Mmere bi bɛba a nokware no bɛda adi. Nea wɔyɛ no kokoa mu no nyinaa bɛda adi.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

26 “Monnsuro wɔn a wɔbɛhunahuna mo. Mmerɛ bi bɛba a nokorɛ no bɛda adi. Deɛ wɔyɛ no kɔkoam no nyinaa bɛda adi.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

26 Enti munnsuro wɔn; na biribiara nni hɔ a ɛso akata a ɛrenna adi, anaa ahintaw a wɔrenhu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Mateo 10:26
22 Iomraidhean Croise  

Deɛ ɔnam pɛyɛ mu no nam dwoodwoo, na deɛ ɔkyea n’akwan no, wɔbɛhu no.


Abɔnefoɔ dwane berɛ a obi mpamo wɔn, na teneneefoɔ deɛ, wɔyɛ nnam sɛ gyataburuwa.


Onipa ho suro sum fidie, na deɛ ɔde ne ho to AWURADE soɔ no ho deɛ ɔbɛyɛ sɔnn.


Na nneyɛɛ nyinaa na Onyankopɔn de bɛba atemmuo mu, na deɛ ahunta nyinaa nso, papa oo, bɔne oo, wabu ho atɛn.


Nsuro, na me ne wo wɔ hɔ, mma w’akoma nntu, na mene wo Nyankopɔn. Mehyɛ wo den, nso meboa wo, nso mede me tenenee nifa mekura wo mu.


Nsuro, aboawa Yakob, ne mo Israel mma! Me ara mɛboa wo, AWURADE na ɔkaeɛ, na wo Gyefoɔ ne Israel Kronkronni no.


Nsuro wɔn anim, na wo deɛ, mɛdi w’akyi, na mɛgye wo, AWURADE asɛm nie.


Na wo, onipa ba, nsuro wɔn, na nsuro wɔn nsɛm nso, na nsansono ne nkasɛɛ ne wo na ɛwɔ hɔ, na anyanyankyerɛ ho na woteɛ, nanso nsuro wɔn nsɛm, na mma w’akoma nntu wɔ wɔn anim; na wɔyɛ abusua atuatefoɔ.


Na monnsuro wɔn a wɔkum honam na wɔntumi nkum ɔkra, na mmom monsuro deɛ ɔbɛtumi asɛe ɔkra ne honam amanehunu kuro mu.


Na biribiara nni kɔkoam a wɔrenyi no adie, anaasɛ wɔde ahunta a ɛrenna adie.


na wɔafa ne din so akɔka adwensakyera ne bɔne fakyɛ amansan nyinaa mu, na wɔbɛfiri aseɛ wɔ Yerusalem.


Na biribi nni kokoam a wɔrenyi no adie, na ahunta a wɔrenhunu, na ɛrenna adie.


na mmom sɛ Honhom Kronkron no nya ba mo so a, mobɛnya ahoɔden, na moayɛ m’adansefoɔ Yerusalem ne Yudea nyinaa ne Samaria de akɔpem asase ano nohoa.


Na wɔhunuu Petro ne Yohane akokoɔduro, na wɔtee sɛ wɔyɛ nnipa a wɔnsuaa nwoma da, na mmom wɔyɛ mpapahwekwaa no, ɛyɛɛ wɔn nwanwa, na wɔhunuu wɔn sɛ wɔne Yesu nanteeɛ.


Na Petro ne Yohane bua see wɔn sɛ: Sɛ ɛtene Nyankopɔn anim sɛ yɛtie mo sene Onyankopɔn a, mommu atɛn!


Enti mommpere ho mmmu biribiara ho atɛn kɔsi sɛ ɛberɛ no bɛduru ansa na Awurade bɛba; ɔno na ɔde deɛ ahunta sum mu bɛba hann mu, na wayi akoma mu agyina adi; ɛno ansa na Onyankopɔn de obiara ayeyie bɛma no.


Na sɛ tenenee nti mohunu amane nso a, nhyira ne mo. Na monnsuro wɔn ho hu, na mommma mo akoma nntu.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan