Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Mateo 10:18 - New Revised Asante Twi Bible

18 Na me nti wɔde mo bɛkɔ amradofoɔ ne ahemfo anim na adi adanseɛ akyerɛ wɔn ne amanaman.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

18 Na me nti wɔde mo bɛkɔ amradofoɔ ne ahemfo anim na adi adanseɛ akyerɛ wɔn ne amanaman.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

18 Me nti, wɔde mo bɛkɔ atumfo ne ahene anim. Eyi bɛma moanya kwan aka asɛmpa no akyerɛ wɔn ne amanamanmufo no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

18 Me enti, wɔde mo bɛkɔ atumfoɔ ne ahene anim. Yei bɛma mo anya ɛkwan aka asɛmpa no akyerɛ wɔn ne amanamanmufoɔ no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

18 Na me nti wɔde mo bɛkɔ amradofo ne ahemfo anim na adi adanse akyerɛ wɔn ne amanaman.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Mateo 10:18
15 Iomraidhean Croise  

Na mɛka w’adanseɛ ho asɛm ahemfo anim, na m’ani renwu.


Na monhwɛ mo ho yie nnipa ho; na wɔbɛyi mo ama mpanimfoɔ adwa, na wɔaka mo mpire wɔn hyia adan mu.


Na sɛ wɔyi mo ma a, monnnwennwene sɛdeɛ mobɛkasa anaa deɛ mobɛka, na wɔde deɛ mobɛka no bɛma mo ɛdɔn no ara mu.


Na Yesu see no sɛ: Hwɛ, nka nkyerɛ obiara, kɔ na fa wo ho kɔkyerɛ ɔsɔfoɔ, na kɔma ayɛyɛdeɛ a Mose hyɛeɛ no, na ɛnyɛ adanseɛ mma wɔn.


Na mo deɛ, monhwɛ mo ho yie! Na wɔbɛyi mo ama mpanimfoɔ badwa, na wɔahwe mo hyia adan mu, na me nti wɔde mo bɛgyina amradofoɔ ne ahemfo anim na moadi adanseɛ akyerɛ wɔn.


Enti mma w’ani nnwu yɛn Awurade adansedie ne me a meyɛ ne deduani no ho, na mmom hunu asɛmpa no ho amane bi, sɛdeɛ Nyankopɔn ahoɔden teɛ no.


Me, Yohane a meyɛ mo nua ne Yesu ahohia ne ahennie ne boasetɔ no mu yɔnkoɔ no, ɛsiane Nyankopɔn asɛm ne Yesu adanseɛ nti, mewɔ supɔ a wɔfrɛ no Patmo no so.


Na sɛ wɔwie wɔn adansedie a, aboa a ɔfiri ebunu no mu no bɛtu wɔn so sa, na wadi wɔn so nkonim na wɔaku wɔn.


Na ɔtee nsɔano a ɛtɔ so nnum no ano no, mehunuu wɔn a Nyankopɔn asɛm ne wɔn adanseɛ a wɔdiiɛ nti wɔakunkum wɔn no akra, afɔrebukyia no ase.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan