Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Mateo 10:15 - New Revised Asante Twi Bible

15 Nokorɛ mese mo sɛ, atemmuo da no, ɛbɛfanyinam Sodom ne Gomora asase no asene saa kuro no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

15 Nokorɛ mese mo sɛ, atemmuo da no, ɛbɛfanyinam Sodom ne Gomora asase no asene saa kuro no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

15 Nokware ni, atemmuda no, Sodom ne Gomora mpo benya baabi agyina wɔ Onyankopɔn anim sen saa kurow no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

15 Nokorɛ nie, Atemmuo da no, Sodom ne Gomora mpo bɛnya baabi agyina wɔ Onyankopɔn anim sene saa kuro no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

15 Nokware mise mo sɛ, atemmu da no, ɛbɛfanim Sodom ne Gomora asase asen saa kurow no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Mateo 10:15
22 Iomraidhean Croise  

Na mese mo sɛ, asɛnhunu biara a nnipa bɛka no, wɔbɛbu ho akonta atemmuda.


Na nokorɛ mese mo sɛ, ɔsoro ne asase nnya ntwaa mu yi, atwerɛdeɛ ketewa baako anaa nsensaneeɛ baako mpo remfiri mmara no mu ntwa mu, gye sɛ ne nyinaa aba mu ansa.


Ɛda no, nnipa pii bɛka akyerɛ me sɛ: Awurade, Awurade, yɛmfaa wo din nhyɛɛ nkɔm, na yɛmfaa wo din ntuu ahonhommɔne, na yɛmfaa wo din nyɛɛ tumideɛ pii anaa?


Na wɔn a wɔrennye mo, na wɔrentie mo asɛm no, sɛ morefiri hɔ akɔ a, momporoporo mo nan ase mfuturo nni wɔn adanseɛ.


Deɛ ɔmmu me, na ɔnnye me nsɛm no wɔ deɛ ɔbu no atɛn; asɛm a maka no, ɛno ara na ɛbɛbu no atɛn ɛda a ɛdi akyire no mu,


Na yei ne deɛ ɔsomaa me no apɛdeɛ, sɛ deɛ ɔde ama me nyinaa, memmma emu bi nnyera, na manyane no ɛda a ɛdi akyire no.


Na yei ne m’Agya no apɛdeɛ, sɛ obiara a ɔhunu Ɔba no na ɔgye no die no nnya daa nkwa; na mɛnyane no ɛda a ɛdi akyire no.


ɛfiri sɛ wayi da bi ato hɔ a ɔnam ɔbarima bi a wayi no asi hɔ so bɛbu wiase atɛn tenenee mu; ɔno na wama no asɔre afiri awufoɔ mu de adi adanseɛ sɛ nnipa nyinaa nnye nni.


obiara adwuma bɛda adi, na Ɛda no bɛyi no adi, ɛfiri sɛ ogya mu na ɛbɛda adie, na sɛdeɛ obiara adwuma teɛ no ogya no bɛsɔ ahwɛ;


Na mo deɛ, anuanom, monni esum mu, na ɛda no abɛto mo sɛ owifoɔ.


Na mommma yɛnnnyae yɛn ho yɛn ho nhyiamu, sɛdeɛ ebinom yɛ no, na mmom momma yɛntutu yɛn ho yɛn ho fo, berɛ dodoɔ a mohunu sɛ Ɛda no rebɛn.


na sɛ ɔdanee Sodom ne Gomora nkuro nso, na ɔde ɔsɛeɛ buu wɔn fɔ de wɔn yɛɛ nhwɛsoɔ maa wɔn a akyire yi wɔbɛyɛ amumuyɛdeɛ,


Awurade nim sɛdeɛ ɔbɛyi wɔn a wɔde fɛreɛ som no afiri sɔhwɛ mu, na wama wɔatwe wɔn a wɔntene aso de wɔn asie atemmuo da,


Na ɔsoro ne asase a ɛwɔ hɔ yi, wɔde n’asɛm no ara na akora, na wɔde asie ama ogya, ama atemmuo ne nnipa amumuyɛfoɔ sɛeɛ da no.


Yei mu na ɔdɔ no awie pɛyɛ wɔ yɛn mu, na yɛanya nnamyɛ atemmuda da, ɛfiri sɛ sɛdeɛ ɔno teɛ no, sɛ nso yɛteɛ wɔ wiase ha ne no.


Na abɔfoɔ a wɔankora wɔn paninnie, na mmom wɔgyaa wɔn ara wɔn tenaberɛ no, ɔde daa ahoma akyekyere wɔn, akora wɔn esum kabii mu, ama da kɛseɛ no atemmuo.


Na saa ara nso na Sodom ne Gomora ne nkuro a ɛdeda ho a wɔyɛɛ sɛ yeinom, de wɔn ho maa adwamammɔ na wɔbɔɔ mmusuo kɛseɛ no, wɔde wɔn asi hɔ sɛ asɛnnahɔ ama daa ogya asotwe.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan