Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Mateo 10:10 - New Revised Asante Twi Bible

10 monnhwehwɛ akwantuo bɔtɔ anaa ntadeɛ mmienu anaa mpaboa anaa poma; na ɛfata odwumayɛfoɔ sɛ ɔdidieɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

10 monnhwehwɛ akwantuo bɔtɔ anaa ntadeɛ mmienu anaa mpaboa anaa poma; na ɛfata odwumayɛfoɔ sɛ ɔdidiiɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

10 Mommmfa akwantukotoku anaa ntade anaa mpaboa anaa pema. Ɛsɛ sɛ odwumayɛni didi.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

10 Mommfa akwantubɔtɔ anaa ntadeɛ anaa mpaboa anaa poma mmienu. Ɛsɛ sɛ odwumayɛfoɔ didi.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

10 monnhwehwɛ akwantu bɔtɔwa anaa ntade abien anaa mpaboa anaa poma; na ɛfata odwumayɛfo sɛ odidi.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Mateo 10:10
12 Iomraidhean Croise  

Na monni no baabiara, mo ne mo fiefoɔ, na ɛyɛ mo ahyiaeɛ ntomadan ho som adwuma so akatua.


Na kuro anaa akuraa biara a mobɛhyɛne mu no, mommisa deɛ ɔfata wɔ hɔ, na ɛhɔ na montena nkɔsi sɛ mobɛfiri hɔ akorɔ.


Na ɔhyɛɛ sɛ wɔmmfa biribiara nntu kwan gye poma nko ara; wɔmmfa aduane anaa kotokuo, anaa sika wɔ wɔn abɔsoɔ mu;


Na ɔbuaa wɔn sɛ: Deɛ ɔwɔ ntadeɛ mmienu no, ma no nkyɛ mu mma deɛ ɔnni bie bi, na deɛ ɔwɔ aduane no, ma no nyɛ saa ara.


Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Mommfa biribiara nntu kwan, mommfa poma anaa bɔtɔ anaa aduane anaa sika anaa ntadeɛ mmienu mmienu.


Sɛ woreba a, fa me batakari a megyaa no Karpo nkyɛn wɔ Troa ne nwoma no brɛ me, ne titire no kokwanwoma no.


Na ɔfaa ne poma kuraa ne nsam, na ɔyii mmoseaa a akokwa nnum firii subɔn no mu de guu ne nnwanhwɛfoɔ kotokuo ne bɔtɔ mu; na ɔkuraa ne ntɔmmoɔ ne nsam, na ɔtwe pinii Filistini no.


Na Saulo bisaa ne somfoɔ no sɛ: Hwɛ, yɛkɔ a, ɛdeɛn na yɛde bɛkɔ akɔma ɔbarima no? Na paanoo asa wɔ yɛn adeɛ mu, na ayɛyɛdeɛ biara nni hɔ a yɛde rekɔma Nyankopɔn nipa no; ɛdeɛn na yɛwɔ?


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan