Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Mateo 1:22 - New Revised Asante Twi Bible

22 Na yei nyinaa yɛɛ hɔ, na deɛ Awurade nam odiyifoɔ no so kaeɛ no aba mu sɛ:

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

22 Na yei nyinaa yɛɛ hɔ, na deɛ Awurade nam odiyifoɔ no so kaeɛ no aba mu sɛ:

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

22 Eyi nyinaa baa mu de hyɛɛ nea Awurade nam odiyifo no so kae no ma se:

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

22 Yei nyinaa baa mu de hyɛɛ deɛ Awurade nam odiyifoɔ no so kaeɛ no ma sɛ:

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

22 Na eyi nyinaa yɛɛ hɔ, na nea Awurade nam odiyifo no so kae no aba mu sɛ:

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Mateo 1:22
22 Iomraidhean Croise  

Na ɔkaa sɛ: Nhyira nka AWURADE, Israel Nyankopɔn a ɔde n’ano kasa kyerɛɛ m’agya Dawid, na ɔde ne nsa ama no aba mu sɛ:


Wo na woakora deɛ woka kyerɛɛ w’akoa m’agya Dawid no ama no; wode w’ano na ɛkaeɛ, na wode wo nsa ama no aba mu, sɛdeɛ ɛteɛ nnɛ yi.


Na Persiahene Kores afe a ɛdi kan mu no, sɛ AWURADE asɛm a ɛfiri Yeremia anomu no bɛba mu nti, AWURADE kanyanee Persiahene Kores honhom, na ɔmaa wɔpaee mu kaa no n’ahennie nyinaa mu, na wɔtwerɛe nso sɛ:


na deɛ Odiyifoɔ Yesaia kaeɛ no aba mu sɛ:


nanso ɔnni nhini wɔ ne mu, na ɔtena hɔ kakra, na sɛ asɛm no nti amanehunu anaa ɔtaa ba a, ntɛm ara na ato no suntidua.


Yei ma deɛ odiyifoɔ no kaeɛ no ba mu sɛ: Mɛbue m’ano mmebuo mu, na mɛpae nsɛm a ahunta firi wiase asefire no mu maka.


na ɔwɔ hɔ ara kɔsii sɛ Herode wuiɛ; na deɛ Awurade nam odiyifoɔ no so kaeɛ no aba mu sɛ: Mafrɛ me ba afiri Misraim.


Na ɔba bɛtenaa kuro bi a wɔfrɛ no Nasaret mu, na deɛ odiyifoɔ no kaeɛ no aba mu sɛ: Wɔbɛfrɛ no Nasareni.


Monnsusu sɛ mebaa sɛ merebɛsɛe mmara anaa adiyifoɔ no; mamma ammɛsɛe, na mmom mebɛhyɛɛ mu ma.


Na deɛ Odiyifoɔ Yesaia kaeɛ no aba mu sɛ: Ɔno na ɔfaa yɛn ahoɔmmerɛ, na ɔsoaa yɛn nyarewa.


ɛfiri sɛ yei ne aweretɔ nna, na nnoɔma a wɔatwerɛ no nyinaa aba mu.


Na ɔsee wɔn sɛ: Yei ne me nsɛm a me ne mo wɔ hɔ no, meka mekyerɛɛ mo no, sɛ ɛtwa sɛ deɛ wɔatwerɛ Mose mmara ne Adiyifoɔ ne Nnwom mu, wɔ me ho no nyinaa ba mu.


Sɛ ɔfrɛɛ wɔn a Nyankopɔn asɛm baa wɔn nkyɛn no anyame na wɔntumi nsɛe atwerɛ no a,


Na ɛyɛɛ hɔ, na asɛm a wɔatwerɛ no wɔn mmara mu no aba mu sɛ: Wɔtane me kwa.


Mewɔ wɔn nkyɛn no, mede wɔn mesiee wo din mu, wɔn a wode wɔn ama me no; mawɛn wɔn, na wɔn mu bi nyerae, gye ɔyera ba no, — na twerɛsɛm no aba mu.


Sɛ asɛm a ɔkaa sɛ: Wɔn a wode wɔn ama me no, mamma wɔn mu biara anyera, no mmra mu.


Na Onyankopɔn ama deɛ ɔnam n’adiyifoɔ nyinaa anomu ka too hɔ sɛ Kristo no bɛhunu amaneɛ no aba mu saa.


a ɔnam n’adiyifoɔ so hyɛɛ ho bɔ siee atwerɛ nsɛm kronkron no mu,


Na Onyankopɔn na ɔde ahyɛ wɔn akoma mu sɛ wɔmma ne tiri mu asɛm mmra mu, na wɔnyɛ adwene korɔ, na wɔmfa wɔn ahennie mma aboa no nkɔsi sɛ Nyankopɔn nsɛm no bɛwie duro.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan