Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Marko 9:9 - New Revised Asante Twi Bible

9 Na wɔresiane bepɔ no, ɔbaraa wɔn sɛ wɔnnka deɛ wɔhunuiɛ no nnkyerɛ obiara, gye sɛ Onipa Ba no asɔre afiri awufoɔ mu ansa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

9 Na wɔresiane bepɔ no, ɔbaraa wɔn sɛ wɔnnka deɛ wɔhunuiɛ no nnkyerɛ obiara, gye sɛ Onipa Ba no asɔre afiri awufoɔ mu ansa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

9 Wɔresian afi bepɔw no so no, Yesu bɔɔ wɔn ano se wɔnnka nea wɔahu no nkyerɛ obiara kosi sɛ ɔbɛsɔre afi awufo mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

9 Wɔresiane afiri bepɔ no so no, Yesu bɔɔ wɔn ano sɛ wɔnnka deɛ wɔahunu no nkyerɛ obiara kɔsi sɛ Onipa Ba no bɛsɔre afiri awufoɔ mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

9 Na wɔresian bepɔw no, ɔbraa wɔn sɛ wɔnnka nea wohui no nnkyerɛ obiara, gye sɛ onipa ba no asɔre afi awufo mu ansa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Marko 9:9
15 Iomraidhean Croise  

Ɔrenko, na ɔrenteateam, na obi rente ne nne abɔntene so;


Na sɛdeɛ Yona dii bonsu yam nnansa awia ne anadwo no, saa ara nso na Onipa Ba no bɛdi asase ase nnansa awia ne anadwo.


Na ɛfiri saa berɛ no na Yesu Kristo fitii aseɛ kyerɛɛ n’asuafoɔ no sɛ, ɛsɛ sɛ ɔkɔ Yerusalem na ɔkɔhunu amane pii mpanimfoɔ ne asɔfoɔ mpanimfoɔ ne Atwerɛfoɔ no nsam, na wɔakum no, na ɛda a ɛtɔ so mmiɛnsa no wanyane.


sɛ: Owura, yɛkae sɛ ɔdaadaafoɔ no te aseɛ no, ɔkaa sɛ: Nnansa akyiri mɛnyane.


Na Yesu see no sɛ: Hwɛ, nka nkyerɛ obiara, kɔ na fa wo ho kɔkyerɛ ɔsɔfoɔ, na kɔma ayɛyɛdeɛ a Mose hyɛeɛ no, na ɛnyɛ adanseɛ mma wɔn.


Na ɔhyɛɛ wɔn dendeenden sɛ wɔmmma obiara nnte; na ɔkaa sɛ wɔmma no biribi nni.


Na ɔbaraa wɔn sɛ wɔnnka nkyerɛ obiara; nanso ɔrekɔ so bara wɔn no, na wɔrekɔ so pae mu ka.


Na wɔmaa asɛm no kaa wɔn tirim, na wɔbisabisaa wɔn ho sɛ awufoɔ mu sɔreɛ no ne deɛn?


Na amonom hɔ ara, wɔtwitwaa wɔn ani no, wɔanhunu obiara sɛ Yesu nko ara ne wɔn.


Na ɔsee wɔn sɛ: Wɔatwerɛ sɛ: Kristo no bɛhunu amane, na da a ɛtɔ so mmiɛnsa no, wasɔre afiri awufoɔ mu,


Na ɛnne no twaa mu no, wɔhunuu Yesu nko ara. Na wɔmuamuaa so, na nna no mu no, wɔanka nnoɔma a wɔhunuiɛ no ankyerɛ obiara.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan