Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Marko 9:42 - New Revised Asante Twi Bible

42 Na obiara a ɔbɛto nkumaa yi a wɔgye me die yi mu baako suntidua no, ɛyɛ ma no mmom sɛ wɔde owiyammoɔ kɛseɛ sɛne ne kɔn mu na wɔde no kɔto po mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

42 Na obiara a ɔbɛto nkumaa yi a wɔgye me die yi mu baako suntidua no, ɛyɛ ma no mmom sɛ wɔde owiyammoɔ kɛseɛ sɛne ne kɔn mu na wɔde no kɔto po mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

42 “Enti sɛ obi to mmofra nketewa a wogye me di yi mu bi hintidua a, eye ma no sɛ anka wɔde ɔbotan duruduru bɛsɛn ne kɔn mu, atow no akyene po mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

42 “Enti, sɛ obi to mmɔfra nketewa a wɔgye me di yi mu bi suntidua a, ɛyɛ ma no sɛ anka wɔde ɛboɔ duruduru bɛsɛn ne kɔn mu, ato no atwene ɛpo mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

42 Na obiara a ɔbɛto nketewa yi a wogye me di no mu biako hintidua no, eye ma no mmom sɛ wɔde owiyammo kɛse sɛn ne kɔn mu, na wɔde no kɔto po mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Marko 9:42
19 Iomraidhean Croise  

Nanso sɛdeɛ ɛbɛyɛ na yɛrento wɔn suntidua nti, kɔ mpoano kɔto darewa, na apataa a ɔbɛba kane no, wobue n’anomu a, wobɛhunu dwetɛbena wɔ mu, ɛno na fa kɔma ma me ne woɔ.


Monhwɛ na moantiatia nkumaa yi mu baako anim, na mese mo sɛ ɔsoro hɔ, wɔn abɔfoɔ hwɛ m’agya a ɔwɔ soro no anim daa.


na obiara a ɔbɛto nkumaa a wɔgye me die yi mu baako suntidua no, ɛyɛ ma no sɛ wɔde awiyammoɔ sɛne ne kɔn, na wɔkɔdɔ no asukɔ wɔ ɛpo bunu mu.


Na ɔhwee fam, na ɔtee nne bi a ɛka kyerɛɛ no sɛ: Saulo, Saulo, adɛn na wotaa me?


Enti mommma yɛmmmu yɛn ho yɛn ho atɛn bio, na mommu atɛn yi mmom sɛ obi mmfa akwansideɛ anaa suntidua bi nnto hɔ mmma ne nua.


na mmom sɛdeɛ wɔatwerɛ sɛ: Wɔn a wɔnkaa wɔn ne ho asɛm no bɛhunu, na wɔn a wɔnteeɛ no bɛte aseɛ.


Nanso, anuanom, metu mo fo sɛ, monkari wɔn a wɔde mpaepaemu ba na wɔto suntidua de sɛe nkyerɛkyerɛ a moasua no, na montwe mo ho mfiri wɔn ho.


Na yɛnto obiara suntidua, na wɔannya mfomsoɔ biara wɔ yɛn som ho,


na moasɔ nnoɔma a ɛyɛ koraa no ahwɛ, na moayɛ korɔgyenn ne nnipa a suntiduatoɔ nni wɔn mu de akɔsi Kristo da no,


Enti mepɛ sɛ akunafoɔ a wɔnnyiniiɛ no ware wo mma di efie soɔ, na wɔamma ɔtamfoɔ ho kwan sɛ ɔnni atɛm;


Na bebree bɛdi wɔn ahohwisɛm no akyi, na wɔn nti, wɔbɛka nokorɛ kwan no ho nsɛmmɔne.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan