Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Marko 9:25 - New Revised Asante Twi Bible

25 Na Yesu hunuu sɛ nkurɔfokuo no de mmirika reba no, ɔteateaa honhom fi no sɛ: Wo mum honhom ne sotifoɔ, mehyɛ wo sɛ, firi ne mu, na nsane nkɔ ne mu bio.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

25 Na Yesu hunuu sɛ nkurɔfokuo no de mmirika reba no, ɔteateaa honhom fi no sɛ: Wo mum honhom ne sotifoɔ, mehyɛ wo sɛ, firi ne mu, na nsane nkɔ ne mu bio.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

25 Yesu huu sɛ nnipa no dɔ ara na wɔredɔɔso no, ɔteɛɛ honhommɔne no se, “Honhommɔne ɔsotifo ne mumu, mehyɛ wo sɛ, fi abofra yi mu kɔ. Nkɔhyɛ ne mu bio!”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

25 Yesu hunuu sɛ nnipa no dɔ ara na wɔredɔɔso no, ɔteaa honhommɔne no sɛ, “Honhommɔne sotifoɔ ne mumu, mehyɛ wo sɛ, firi abɔfra yi mu fi. Nkɔhyɛ ne mu bio!”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

25 Na Yesu hui sɛ nkurɔfokuw no de mmirika reba no, ɔteɛteɛɛ honhom fi no sɛ: Wo honhom mum ne sotifo, mehyɛ wo sɛ, fi no mu, na nsan nkɔ ne mu bio!

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Marko 9:25
17 Iomraidhean Croise  

Na AWURADE bɔfoɔ no ka kyerɛɛ Satan sɛ: AWURADE ntwi w’anim, Satan, na AWURADE a wayi Yerusalem no ntwi w’anim! Oyi nyɛ gyentia a wɔahwim afiri ogya mu?


Ɛnna wɔde obi a ɔwɔ honhommɔne a ɔyɛ onifirani ne emum brɛɛ no, na ɔsaa no yadeɛ maa emum no kasae, na ɔhunuu adeɛ.


Na Yesu teateaa no, na honhommɔne no firi ne mu firii adi, na ɛfiri dɔn no ara mu na abɔfra no yadeɛ no gyaeeɛ.


Na ntɛm ara a nkurɔfokuo no nyinaa hunuu no no, wɔn ho dwirii wɔn, na wɔde mmirika ba bɛkyeaa no.


Na ntɛm ara abɔfra no agya teaa mu kaa sɛ: Megye medi, na boa me wɔ m’akyinnye gyeɛ ho!


Na ɛteaa mu, na ɛtwetwee no pii no, ɛfirii ne mu. Na ɔyɛɛ sɛ owufoɔ maa nnipa pii kaa sɛ: Wawu.


Na ɔretu honhommɔne bi a ɔyɛ mum. Na ɛbaa sɛ honhommɔne no firii adie no, emum no kasae. Na ɛyɛɛ nkurɔfoɔ akuakuo no nwanwa.


Na Yesu teateaa no sɛ: Mua w’ano, na firi ne mu kɔ! Na honhommɔne no bɔɔ no hwee mfimfini hɔ firii ne mu kɔe, na wanyɛ no hwee.


Na ahonhommɔne nso firii nnipa pii mu kɔe, na wɔteaa mu sɛ: Wone Nyankopɔn ba no! Na ɔteateaa wɔn, wamma wɔankasa, ɛfiri sɛ wɔnim sɛ ɔne Kristo no.


Ɛfiri sɛ waka akyerɛ honhom fi no sɛ ɔmfiri onipa no mu; (na daa na ɛkye no a, wɔde nkɔnsɔnkɔnsɔn ne mpokyerɛ gu no wɛn no, na ɔtete deɛ wɔde akyekyere no no mu. Na honhommɔne no pamm no kɔɔ anwea pradada so.)


Na ɔreba no, honhommɔne no himm no hwee fam, na ɛsensenee no. Na Yesu teateaa honhom fi no, na ɔsaa abɔfra no yadeɛ, na ɔde no maa n’agya.


Na ɔyɛɛ yei nna bebree. Na ɛyɛɛ Paulo ahomete, na ɔdanee ne ho ka kyerɛɛ honhom no sɛ: Mehyɛ wo Yesu Kristo din mu sɛ: Firi adi firi ne mu! Na dɔn no ara mu ɔfirii adi.


Nanso Ɔbɔfoɔ panin Mikael ne ɔbonsam dii aperepereɛ kasakasaa Mose amu ho no, wansi ne bo sɛ ɔbɛka asɛmmɔne abu no atɛn, na mmom ɔkaa sɛ: Awurade nka w’anim!


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan