Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Marko 9:22 - New Revised Asante Twi Bible

22 na ɛtaa ka no to ogya ne nsuo mu sɛ ɛbɛkum no; na sɛ wobɛtumi ayɛ ho biribi a, hu yɛn mmɔbɔ na boa yɛn!

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

22 na ɛtaa ka no to ogya ne nsuo mu sɛ ɛbɛkum no; na sɛ wobɛtumi ayɛ ho biribi a, hu yɛn mmɔbɔ na boa yɛn!

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

22 na ɛtɔ da bi koraa a, ɔyare no tumi twa no hwe ogya anaa nsu mu pɛ sɛ ekum no. Enti sɛ wubetumi asa no yare de a, hu yɛn mmɔbɔ, na sa no yare ma yɛn.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

22 na ɛtɔ ɛda bi koraa a, yadeɛ no tumi twa no hwe ogya anaa nsuo mu, pɛ sɛ ɛkum no. Enti, sɛ wobɛtumi asa no yadeɛ deɛ a, hunu yɛn mmɔbɔ, na sa no yadeɛ ma yɛn.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

22 na ɛtaa ka no to ogya ne nsu mu sɛ ebekum no; na sɛ wubetumi ayɛ biribi a, hu yɛn mmɔbɔ na boa yɛn!

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Marko 9:22
12 Iomraidhean Croise  

Na ntɛm ara Yesu tenee ne nsa sɔɔ no mu, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Wo a wo gyidie sua! Adɛn nti na wogyee akyinnyeɛ?


sɛ: Awurade, hu me ba yi mmɔbɔ, na ɔtwa, na ɔrehunu amane pii; na ɔtaa tɔ ogya mu, na ɔtaa tɔ nsuo mu.


Na Yesu hunuu wɔn mmɔbɔ, na ɔde ne nsa kaa wɔn ani; na ntɛm ara wɔhunuu adeɛ, na wɔdii n’akyi.


Na hwɛ, ɔkwatani bi ba bɛkotoo no kaa sɛ: Owura, sɛ wopɛ a, wobɛtumi ama me ho afi.


Na ɔduruu fie no, anifirafoɔ no baa ne nkyɛn; na Yesu bisaa wɔn sɛ: Mogye di sɛ mɛtumi mayɛ yei? Wɔbuaa no sɛ: Aane, owura.


Nanso wamma no kwan, na ɔsee no sɛ: Kɔ wo fie, w’abusuafoɔ nkyɛn, na kɔka nnoɔma a Awurade ayɛ ama woɔ ne mmɔborɔ a wahu woɔ no kyerɛ wɔn.


Na ɔbisaa n’agya sɛ: Nna ahe ni a yei yɛɛ no? Na ɔkaa sɛ: Ɛfiri ne mmɔfraase;


Na Yesu see no sɛ: Sɛ wobɛtumi a! Nnoɔma nyinaa bɛtumi ayɛ hɔ ama deɛ ɔgye die.


Na Awurade hunuu ɔbaa no no, ɔyɛɛ no mmɔbɔ, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Nsu!


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan