Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Marko 9:20 - New Revised Asante Twi Bible

20 Na wɔde no brɛɛ Yesu. Na ɔhunuu Yesu no, ntɛm ara na honhom no maa no senseneeɛ, na ɔhwee ase, na ɔbu faa so, na n’ano twaa ahuro.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

20 Na wɔde no brɛɛ Yesu. Na ɔhunuu Yesu no, ntɛm ara na honhom no maa no senseneeɛ, na ɔhwee ase, na ɔbu faa so, na n’ano twaa ahuro.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

20 Wɔde abarimaa no brɛɛ Yesu. Wɔde no duu Yesu anim ara pɛ na ɔyare no baa denneennen, twaa no hwee fam, ma ɔperee a nʼano refi ahuru.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

20 Wɔde abarimaa no brɛɛ Yesu. Ɛberɛ a wɔde no duruu Yesu anim pɛ no, yadeɛ no baa dendeenden, twaa no hwee fam, ma ɔperee ara a nʼano retwa ahuro.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

20 Na wɔde no brɛɛ Yesu. Na ohuu no no, ntɛm ara na honhom no ma osinsenee, na ɔhwee ase, na obu faa so, na n’ano poo ahuru.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Marko 9:20
14 Iomraidhean Croise  

Na honhom fi no maa no senseneeɛ, na ɔde nne kɛseɛ teaa mu, na ɔfirii ne mu kɔeɛ.


na baabiara a ɛsɔ ne mu no, ɛma no sensene, na n’ano retwa ahuro, na ɔretwɛre ne se, na ɔrefɔn. Na meka mekyerɛɛ w’asuafoɔ sɛ wɔntu no, na wɔantumi.


Na ɔbuaa wɔn sɛ: O ɛnnɛ mma a monni gyidie! Mentena mo nkyɛn nkɔduru da bɛn? Mentɔ me bo ase mma mo nkɔduru da bɛn? Momfa no mmrɛ me!


Na ɔbisaa n’agya sɛ: Nna ahe ni a yei yɛɛ no? Na ɔkaa sɛ: Ɛfiri ne mmɔfraase;


Na ɛteaa mu, na ɛtwetwee no pii no, ɛfirii ne mu. Na ɔyɛɛ sɛ owufoɔ maa nnipa pii kaa sɛ: Wawu.


Na Yesu teateaa no sɛ: Mua w’ano, na firi ne mu kɔ! Na honhommɔne no bɔɔ no hwee mfimfini hɔ firii ne mu kɔe, na wanyɛ no hwee.


Ɛfiri sɛ waka akyerɛ honhom fi no sɛ ɔmfiri onipa no mu; (na daa na ɛkye no a, wɔde nkɔnsɔnkɔnsɔn ne mpokyerɛ gu no wɛn no, na ɔtete deɛ wɔde akyekyere no no mu. Na honhommɔne no pamm no kɔɔ anwea pradada so.)


Na hwɛ, honhom bi kye no, na ɔfu mu tea mu su, na ɛsensene no ma n’ano twa ahuro, na ɔbu fa so, na ɛdene no ansa na agyaa no.


Na ɔreba no, honhommɔne no himm no hwee fam, na ɛsensenee no. Na Yesu teateaa honhom fi no, na ɔsaa abɔfra no yadeɛ, na ɔde no maa n’agya.


Mo deɛ, mo agya a mofiri ne mu ne ɔbonsam, na mo agya no akɔnnɔdeɛ na mopɛ sɛ moyɛ. Ɔno na ɔyɛ owudifoɔ firi mfitiaseɛ, na ɔnnyina nokorɛ so; ɛfiri sɛ nokorɛ nni ne mu. Sɛ ɔka atorosɛm a, ɛfiri ɔno ara ne mu na ɔka; ɛfiri sɛ ɔyɛ ɔtorofoɔ ne atorɔ agya.


Mo ani nna hɔ, monwɛn, ɛfiri sɛ mo tamfo bonsam no nam sɛ gyata a ɔbobom hwehwɛ deɛ ɔbɛnya no amene.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan