Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Marko 9:10 - New Revised Asante Twi Bible

10 Na wɔmaa asɛm no kaa wɔn tirim, na wɔbisabisaa wɔn ho sɛ awufoɔ mu sɔreɛ no ne deɛn?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

10 Na wɔmaa asɛm no kaa wɔn tirim, na wɔbisabisaa wɔn ho sɛ awufoɔ mu sɔreɛ no ne deɛn?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

10 Asuafo no anka ankyerɛ obiara na mmom, ɛyɛ a na wɔtaa bisabisa wɔn ho wɔn ho se, nʼasɛm a ɔkae se, “Menyan afi awufo mu” no, na ɔkyerɛ dɛn?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

10 Asuafoɔ no anka ankyerɛ obiara, na mmom, ɛyɛ a, na wɔtaa bisabisa wɔn ho wɔn ho sɛ, nʼasɛm a ɔkaa sɛ, “Mɛnyane afiri awufoɔ mu” no, na ɔkyerɛ sɛn?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

10 Na wɔmaa asɛm no kaa wɔn tirim, na wobisabisaa wɔn ho sɛ awufo mu sɔre no ne dɛn?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Marko 9:10
15 Iomraidhean Croise  

Na ne nuanom ani beree no; na n’agya deɛ, ɔde nsɛm no siee.


Ɛnna Petro de no kɔɔ nkyɛn, na ɔfitii aseɛ twii n’anim sɛ: Ɛmpare wo, Awurade, yei remma wo so da!


Na wɔbisaa Yesu sɛ: Adɛn nti na Atwerɛfoɔ no ka sɛ: Ɛsɛ sɛ Elia ba ansa?


Na wɔante asɛm no ase, na wɔsuroo sɛ wɔbɛbisa no.


Na wɔresiane bepɔ no, ɔbaraa wɔn sɛ wɔnnka deɛ wɔhunuiɛ no nnkyerɛ obiara, gye sɛ Onipa Ba no asɔre afiri awufoɔ mu ansa.


Nso n’asuafoɔ no anhunu yeinom kane no; na Onyankopɔn hyɛɛ Yesu animuonyam akyiri no, ɛno na wɔkaee sɛ wɔatwerɛ yeinom ne ho, na wɔayɛ ama no.


Na Epikurofoɔ ne Stoafoɔ anyansapɛfoɔ bi nso ne no di anobaebaeɛ. Ebinom kaa sɛ: Ɔpɔtɔni yi se deɛn nie? Na ebinom se: Wayɛ sɛdeɛ ɔka abosom ahɔhoɔ bi ho asɛm. (Na ɔreka wɔn Yesu ne owusɔreɛ ho asɛmpa no.)


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan