Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Marko 9:1 - New Revised Asante Twi Bible

1 Na ɔsee wɔn sɛ: Nokorɛ mese mo sɛ wɔn a wɔgyina ha yi binom wɔ hɔ a wɔrenka owuo nhwɛ, de bɛkɔ akɔsi sɛ wɔbɛhunu Nyankopɔn ahennie no sɛ ɛde tumi aba.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

1 Na ɔsee wɔn sɛ: Nokorɛ mese mo sɛ wɔn a wɔgyina ha yi binom wɔ hɔ a wɔrenka owuo nhwɛ, de bɛkɔ akɔsi sɛ wɔbɛhunu Nyankopɔn ahennie no sɛ ɛde tumi aba.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

1 Yesu kɔɔ so ka kyerɛɛ nʼasuafo no se, “Mo a mugyina ha yi mu bi bɛtena ase akosi sɛ mubehu sɛ, Onyankopɔn ahenni no reba tumi mu!”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

1 Yesu kɔɔ so ka kyerɛɛ nʼasuafoɔ no sɛ, “Mo a mogyina ha yi mu bi bɛtena ase akɔsi sɛ mobɛhunu sɛ, Onyankopɔn Ahennie no reba tumi mu!”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

1 Na osee wɔn sɛ: Nokware mise mo sɛ, wɔn a wogyina ha yi mu binom wɔ hɔ a wɔrenka owu nhwɛ de bɛkɔ akosi sɛ wobehu sɛ Nyankopɔn ahenni no de tumi aba.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Marko 9:1
13 Iomraidhean Croise  

Nokorɛ mese mo sɛ: Nnipa binom gyina ha a wɔrenka owuo nhwɛ kɔsi sɛ wɔbɛhunu Onipa Ba no sɛ ɔreba n’ahennie mu.


Ɛno na Onipa ba no nsɛnkyerɛnneɛ bɛda adi wɔ soro, na asase so mmusuakuo nyinaa ho bɛhiahia wɔn kɛse, na wɔbɛhunu Onipa Ba no sɛ ɔreba ɔsoro mununkum mu tumi ne animuonyam kɛseɛ mu.


Na Onipa Ba no bɛba n’animuonyam mu a n’abɔfoɔ nyinaa ka ne ho no, ɔbɛtena n’animuonyam ahennwa so.


Na ɛno na wɔbɛhunu Onipa Ba no sɛ ɔde tumi kɛseɛ ne animuonyam reba mununkum mu.


Nokorɛ mese mo sɛ: Awoɔ ntoatoasoɔ yi rentwam, gye sɛ yeinom nyinaa aba ansa.


Na Honhom Kronkron no ayi akyerɛ no sɛ ɔrenhunu owuo, gye sɛ wahunu Kristo a ɔyɛ Awurade deɛ no ansa.


Na mese mo sɛ, merennom bobe aba no bi bio, gye da a Nyankopɔn ahennie no bɛba.


na moadidi na moanom me pono so wɔ m’ahennie mu, na moatena nhennwa so abu Israel mmusuakuo dummienu no atɛn.


Na nokorɛ mese mo sɛ: Wɔn a wɔgyina ha yi mu binom wɔ hɔ a, wɔrenka owuo nhwɛ kɔsi sɛ wɔbɛhunu Nyankopɔn ahennie ansa.


Ɛnna asɛm yi trɛɛ anuanom no mu sɛ saa osuani no renwu; nanso Yesu anka ankyerɛ no sɛ ɔrenwu, na ɔse: Mepɛ sɛ ɔtena hɔ kɔsi sɛ mɛba a, ɛfa wo ho bɛn?


Na mmom, yɛhunu Yesu, deɛ berɛ tiawa bi mu, wɔbrɛɛ no ase senee abɔfoɔ no, sɛdeɛ ɔbɛfa Onyankopɔn adom so bɛka owuo ahwɛ ama nnipa nyinaa. Seesei ɛsiane owuo amanehunu nti, wɔde animuonyam ne anidie abɔ no abotire.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan