Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Marko 8:6 - New Revised Asante Twi Bible

6 Na ɔhyɛɛ nkurɔfokuo no sɛ wɔntenatena fam. Na ɔfaa paanoo nson no daa ase bubui, na ɔde maa n’asuafoɔ no sɛ wɔnkyɛ mma wɔn; na wɔkyɛ maa nkurɔfokuo no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

6 Na ɔhyɛɛ nkurɔfokuo no sɛ wɔntenatena fam. Na ɔfaa paanoo nson no daa ase bubui, na ɔde maa n’asuafoɔ no sɛ wɔnkyɛ mma wɔn; na wɔkyɛ maa nkurɔfokuo no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

6 Yesu ka kyerɛɛ nnipakuw no se wɔntenatena ase wɔ sare no so. Afei ɔfaa brodo ason no, na ohyiraa so, bubuu mu de maa nʼasuafo no ma wɔkyɛ maa nnipa no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

6 Yesu ka kyerɛɛ nnipakuo no sɛ wɔntenatena ase wɔ ɛserɛ no so. Afei, ɔfaa burodo nson no, na ɔhyiraa so, bubuu mu de maa nʼasuafoɔ no ma wɔkyɛ maa nnipa no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

6 Na ɔhyɛɛ nkurɔfokuw no sɛ wɔntenatena fam. Na ɔfaa abodoo ason no daa ase bubui, na ɔde maa asuafo no sɛ wɔnkyekyɛ mma wɔn; na wɔkyɛ maa nkurɔfokuw no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Marko 8:6
18 Iomraidhean Croise  

Na wɔredidie no, Yesu faa paanoo, na ɔhyiraa so bubuu mu de maa asuafoɔ no sɛ: Monnye nni; yei ne me honam.


Na mebubuu nson no memaa nnipa mpemnan no, mporoporowa nkɛntɛn ma ahe na motaseeɛ? Ɛnna wɔse: Nson.


Na ɔbisaa wɔn sɛ: Paanoo ahe na mowɔ? Na wɔkaa sɛ: Nson.


Na wɔwɔ mpataa kakra bi; na ɔhyiraa so, kaa sɛ wɔnkyɛ ɛno nso mma wɔn.


Nhyira ne nkoa no a owura no ba a, ɔbɛto wɔn sɛ wɔrewɛn. Nokorɛ mese mo sɛ, ɔbɛbɔ n’abɔsoɔ, na wama wɔatena adidiiɛ, na waba abɛsom wɔn.


Na ɛbaa sɛ ɔne wɔn te adidiiɛ no, ɔfaa paanoo hyiraa so, na ɔbubu de maa wɔn.


Na ne na see asomfoɔ no sɛ: Biribiara a ɔbɛse mo no, monyɛ!


Na akodoɔ foforɔ firii Tiberia baa faako a Awurade daa ase, na wɔdii paanoo no hɔ;


Deɛ ɔdwene da bi ho no, ɔdwene ma Awurade. Deɛ ɔdie no, ɔdi ma Awurade, na ɔda Onyankopɔn ase; na deɛ ɔnnie no, ɔnni de ma Awurade, na ɔda Onyankopɔn ase.


Na biribiara a moyɛ no, kasa mu oo! nneyɛɛ mu oo! monyɛ ne nyinaa Awurade Yesu din mu mfa ne so nna Agya Nyankopɔn ase.


Moduru kuro no mu ara pɛ a, mobɛhu no ansa na wakɔ sorɔnsorɔnbea hɔ akɔdidi; ɛfiri sɛ ɔman no nnidi kɔsi sɛ ɔbɛba, na ɔno na ɔhyira afɔdeɛ no soɔ ansa na wɔn a wɔahyia wɔn no adidi. Enti momforo nkɔ, na berɛ yi ara na mobɛhu no.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan