Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Marko 8:35 - New Revised Asante Twi Bible

35 Na obiara a ɔpɛ sɛ ɔgye ne kra nkwa no, ɛbɛfiri ne nsa; na deɛ ne kra bɛfiri ne nsa wɔ me ne asɛmpa no nti no, wɔbɛgye no nkwa!

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

35 Na obiara a ɔpɛ sɛ ɔgye ne kra nkwa no, ɛbɛfiri ne nsa; na deɛ ne kra bɛfiri ne nsa wɔ me ne asɛmpa no nti no, wɔbɛgye no nkwa!

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

35 Nea ɔma ne kra som no bo no, ebefi ne nsa. Na nea me ne asɛmpa no nti, ɔbɛhwere ne kra no, wobegye no nkwa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

35 Deɛ ɔma ne ɔkra som no bo no, ɛbɛfiri ne nsa. Na deɛ me ne Asɛmpa no enti, ɔbɛhwere ne kra no, wɔbɛgye ne nkwa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

35 Na obiara a ɔpɛ sɛ ogye ne kra nkwa no, ebefi ne nsa; na nea ne kra befi ne nsa me ne asɛmpa no nti no, wobegye no nkwa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Marko 8:35
27 Iomraidhean Croise  

ɔhwehwɛ wɔ ne berɛ, na ɔyera wɔ ne berɛ; nhwɛsoɔ wɔ ne berɛ, na ɔtoguo wɔ ne berɛ;


Na me din nti, nnipa nyinaa bɛtane mo; na deɛ ɔbɛgyina ano akɔduru awieeɛ no, ɔno na wɔbɛgye no nkwa.


Deɛ ne nsa aka ne kra no, ɛbɛfiri ne nsa, na deɛ me nti ne kra firi ne nsa no, ne nsa bɛka.


Na obiara a ɔpɛ sɛ ɔgye ne kra nkwa no, ɛbɛfiri ne nsa; na obiara a me nti ne kra bɛyera no deɛ, ne nsa bɛka.


Na obiara a me nti wagya afie, anaa nuammarima anaa nuammaa, anaa agya anaa ɛna anaa mma, anaa nsase hɔ no, ɔbɛnya no mmɔho ɔha na wanya daa nkwa afa.


Na sɛ onipa nya wiase nyinaa, na ɔhwere ne kra a, mfasoɔ bɛn na ɔbɛnya?


Obiara a ɔbɛhwehwɛ sɛ ɔgye ne kra no, ɛbɛfiri ne nsa, na obiara a ne kra bɛfiri ne nsa no ɔbɛgye no nkwa.


Na obiara a ɔpɛ sɛ ɔbɛgye ne kra no, ɛbɛfiri ne nsa, na deɛ me nti ne kra bɛfiri ne nsa no, ɔbɛgye no nkwa.


Na memfa yei menyɛ biribi, nanso memmu me kra aboɔden memma me ho, na mede anigyeɛ mawie me nanteɛ ne ɔsom a menyaa no Awurade Yesu nkyɛn sɛ menni Nyankopɔn adom asɛmpa no ho adanseɛ.


Na Paulo buaa sɛ: Adɛn na moresu bubu m’akoma yi? Me deɛ, masiesie me ho sɛ Awurade Yesu din nti, ɛnyɛ ɛkyerɛ nko na wɔbɛkye me, na mpo mɛwu wɔ Yerusalem hɔ.


Na me na mɛkyerɛ no amaneɛ pii a me din nti ɛsɛ sɛ ɔhunu.


Na yei nyinaa, asɛmpa no nti na meyɛ, na manya emu nhyira no bi.


Kristo nti m’ani gye mmerɛyɛ mu, animtiabuo mu, ahokyere mu, ɔtaa mu, ahometeɛ mu; ɛfiri sɛ meyɛ mmerɛ a, ɛnna me ho yɛ den.


Enti mma w’ani nnwu yɛn Awurade adansedie ne me a meyɛ ne deduani no ho, na mmom hunu asɛmpa no ho amane bi, sɛdeɛ Nyankopɔn ahoɔden teɛ no.


Mmaa nsa kaa wɔn awufoɔ a wɔasɔreɛ; na ebinom nso, wɔde wɔn goroo atɔprɛ, na wɔampɛ ɔgyeɛ, na wɔn nsa aka owusɔreɛ a ɛyɛ kyɛne soɔ.


Na wɔnam Adwammaa no mogya ne wɔn adanseɛ asɛm no so adi ne so nkonim, na wɔansuro sɛ wɔbɛwuo.


Nsuro amaneɛ a worebɛhunu biara. Hwɛ, ɔbonsam de mo mu binom bɛgu afiase, na wɔasɔ mo ahwɛ, na mobɛhunu amane dadu. Di nokorɛ kɔduru owuo mu, na mɛma wo nkwa abotire.


Na meka mekyerɛɛ no sɛ: Owura, wo na wonim. Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Yeinom ne wɔn a wɔfiri ahohia kɛseɛ no mu, na wɔahoro wɔn ntadeɛ ama no ahoa wɔ adwammaa no mogya no mu.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan