Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Marko 8:22 - New Revised Asante Twi Bible

22 Na wɔduruu Betsaida. Na wɔde onifirani bi brɛɛ no, na wɔsrɛɛ no sɛ ɔmfa ne nsa nka no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

22 Na wɔduruu Betsaida. Na wɔde onifirani bi brɛɛ no, na wɔsrɛɛ no sɛ ɔmfa ne nsa nka no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

22 Bere a woduu Betsaida no, nnipa bi de onifuraefo bi brɛɛ no, srɛɛ no sɛ ɔmfa ne nsa nka no, na ɔnsa no yare.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

22 Ɛberɛ a wɔduruu Betsaida no, nnipa bi de onifirani bi brɛɛ no, srɛɛ no sɛ ɔmfa ne nsa nka no, na ɔnsa no yadeɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

22 Na woduu Betsaida. Na wɔde onifuraefo bi brɛɛ no, na wɔsrɛɛ no sɛ ɔmfa ne nsa nka no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Marko 8:22
14 Iomraidhean Croise  

Korasin, due! Betsaida, due! Ɛfiri sɛ tumideɛ a wɔayɛ no mo mu yi, sɛ wɔyɛɛ no Tiro ne Sidon a, anka wɔasakyera wɔn adwene ayitoma ne nso mu dada.


na wɔsrɛɛ no sɛ ɔmma wɔmfa wɔn nsa nka n’atadeɛ ano nnwo nko ara. Na dodoɔ a wɔde wɔn nsa kaeɛ no ho yɛɛ wɔn den.


Na ɔsɔɔ ne nsa, na yarefufuo no gyaa no, na ɔsɔre somm no.


Na ɔtenee ne nsa kaa no kaa sɛ: Mepɛ, wo ho mfi! Na ntɛm ara na ne kwata no kɔeɛ.


Ɛnna ɔde ne nsa kaa wɔn ani kaa sɛ: Sɛdeɛ mo gyidie teɛ no, ɛnyɛ saa ara mma mo!


Na wɔde obi a ɔyare mmubuo a nnipa baanan so no brɛɛ no.


Na ɔsaa nnipa pii yadeɛ nti, wɔn a wɔyareyare nyinaa bɛkyeree ne so sɛ wɔrebɛsosɔ ne mu.


Na ntɛm ara na ɔpiapiaa n’asuafoɔ no sɛ wɔnkɔ kodoɔ mu, na wɔnni n’anim nkɔ asuogya nohoa, Betsaida fam, na ɔnnya nkurɔfokuo no kwan ansa.


Korasin, due! Betsaida, due! Ɛfiri sɛ ahoɔdenneɛ a wɔayɛ no mo mu yi, sɛ wɔyɛɛ no Tiro ne Sidon a, anka wɔtenatenaa ayitoma ne nso mu sakyeraa wɔn adwene ntɛm ara.


Na asomafoɔ no sane bae, na wɔbɛkaa deɛ wɔakɔyɛ nyinaa kyerɛɛ no. Na ɔfaa wɔn de wɔn kɔɔ afa baabi, kuro a wɔfrɛ no Betsaida no ho.


Nso Filipo firi Betsaida, Andrea ne Petro kuro mu.


ɛnna wɔbaa Filipo a ɔfiri Betsaida a ɛwɔ Galilea no nkyɛn, na wɔbɛka kyerɛɛ no sɛ: Owura, yɛpɛ sɛ yɛhunu Yesu.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan