Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Marko 8:2 - New Revised Asante Twi Bible

2 Nkurɔfokuo yi yɛ me mmɔbɔ, ɛfiri sɛ wɔatena me nkyɛn atoa so nnansa ni, na wɔnni biribi a wɔdie.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

2 Nkurɔfokuo yi yɛ me mmɔbɔ, ɛfiri sɛ wɔatena me nkyɛn atoa so nnansa ni, na wɔnni biribi a wɔdie.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

2 Yesu frɛɛ nʼasuafo no baa ne nkyɛn, na ɔkae se, “Nnipa yi yɛ me mmɔbɔ. Wɔabedi nnansa wɔ ha a, wonni aduan biara a wobedi bio.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

2 Yesu frɛɛ nʼasuafoɔ ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Nnipa yi yɛ me mmɔbɔ. Wɔabɛdi nnansa wɔ ha a, wɔnni aduane biara a wɔbɛdi bio.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

2 Nkurɔfokuw yi yɛ me mmɔbɔ, efisɛ wɔatena me nkyɛn atoa so nnansa ni, na wonni biribi a wodi.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Marko 8:2
23 Iomraidhean Croise  

Na ɔhwɛe, na hwɛ, na ɔfam a wɔato no nnyansramma soɔ ne nsuo kuruwa si n’atifi; na ɔdidii na ɔnomee, na ɔtɔɔ hɔ dae.


Sɛ agya yam hyehye no ne mma ho no, sɛ AWURADE yam yɛ no wɔn a wɔsuro no ho ne no.


Ani nyinaa hwɛ wo kwan, na woma wɔn wɔn aduane ne berɛ mu.


AWURADE yɛ ɔdomfoɔ ne mmɔborɔhunufoɔ, ne bo kyɛre fu na n’adɔeɛ so.


yɛn ho na wobɛsane ama ne yam ahyehye wo, wobɛpepa yɛn amumuyɛ. Na wobɛto wɔn bɔne nyinaa agu ɛpo bunu mu.


Na ɔsii fam bɛhunuu nkurɔfoɔ pii, na wɔyɛɛ no mmɔbɔ, na ɔsaa wɔn mu ayarefoɔ yadeɛ.


Na Yesu hunuu wɔn mmɔbɔ, na ɔde ne nsa kaa wɔn ani; na ntɛm ara wɔhunuu adeɛ, na wɔdii n’akyi.


Na ɔhunuu nkurɔfoɔ akuakuo no, wɔyɛɛ no mmɔbɔ, ɛfiri sɛ na wɔabrɛ, na na wɔsam hɔ sɛ nnwan a wɔnni hwɛfoɔ.


Na ɔyɛɛ no mmɔbɔ, na ɔtenee ne nsa kaa no, na ɔsee no sɛ: Mepɛ, wo ho mfi.


Nanso wamma no kwan, na ɔsee no sɛ: Kɔ wo fie, w’abusuafoɔ nkyɛn, na kɔka nnoɔma a Awurade ayɛ ama woɔ ne mmɔborɔ a wahu woɔ no kyerɛ wɔn.


Na wɔde kodoɔ sii mu kɔɔ ɛserɛ so fa baabi.


Na Yesu sii fam no, ɔhunuu nkurɔfokuo pii, na wɔyɛɛ no mmɔbɔ, ɛfiri sɛ na wɔte sɛ nnwan a wɔnni hwɛfoɔ; na ɔfitii aseɛ kyerɛkyerɛɛ wɔn nnoɔma pii.


Na sɛ megya wɔn kwan ma wɔde kɔm kɔ fie a, wɔbɛtotɔ baha ɔkwan mu; ɛfiri sɛ wɔn mu binom firi akyirikyiri na ɛbaeɛ.


na ɛtaa ka no to ogya ne nsuo mu sɛ ɛbɛkum no; na sɛ wobɛtumi ayɛ ho biribi a, hu yɛn mmɔbɔ na boa yɛn!


Na ɔsɔre baa n’agya nkyɛn. Na ɔda so wɔ akyirikyiri no, n’agya hunuu no, na ne yam hyehyee no, na ɔtutuu mmirika kɔyɛɛ no atuu, na ɔfee n’ano.


Na Awurade hunuu ɔbaa no no, ɔyɛɛ no mmɔbɔ, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Nsu!


Enti ɛhiaa no sɛ ɔsɛ ne nuanom nnoɔma nyinaa mu, na wayɛ mmɔborɔhunu ne nokorɛ sɔfo panin, Nyankopɔn fam nnoɔma no mu, na wayɛ ɔman no bɔne ho mpata.


Na yɛnni ɔsɔfo panin a ɔnnim yɛn mmerɛyɛ na ɔnni tema mma yɛn, na mmom deɛ wɔasɔ no ahwɛ adeɛ nyinaa mu sɛ yɛn ara, nso wannyɛ bɔne.


sɛ obi a ɔbɛtumi ahunu ama wɔn a wɔnnim na wɔfom no, ɛsiane sɛ mmerɛyɛ atwa ɔno nso ho ahyia.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan