Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Marko 8:17 - New Revised Asante Twi Bible

17 Na Yesu hunuiɛ no, ɔsee wɔn sɛ: Adɛn na modwendwene paanoo a monnie ho? Monnya nhunui, na montee aseɛ? Mo akoma da so apirim?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

17 Na Yesu hunuiɛ no, ɔsee wɔn sɛ: Adɛn na modwendwene paanoo a monnie ho? Monnya nhunui, na montee aseɛ? Mo akoma da so apirim?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

17 Yesu huu nea wodwinnwen no, ɔka kyerɛɛ wɔn se, “Ɛnyɛ ɛno ho asɛm na mereka! Monnte eyi ase ana? Mo koma da so pirim?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

17 Yesu hunuu deɛ wɔdwennwene no, ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Ɛnyɛ ɛno ho asɛm na mereka! Monnte yei ase anaa? Mo akoma da so pirim?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

17 Na Yesu hui no, osee wɔn sɛ: Adɛn na modwennwene abodoo a munni ho? Munnya nhui na montee ase ɛ? Mo koma da so apirim?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Marko 8:17
17 Iomraidhean Croise  

O AWURADE, adɛn nti na woma yɛfiri wo kwan so kɔwɔ ntwɛtwɛdɛ, na wopirim yɛn akoma na yɛansuro woɔ? Sane bra, wo nkoa nti, w’agyapadeɛ mmusuakuo no nti.


Na Yesu hunuiɛ no, ɔtwee ne ho firii hɔ, na nkurɔfoɔ akuakuo pii dii n’akyi, na ɔsaa wɔn nyinaa yadeɛ.


Monhunu sɛ adeɛ biara a ɛkɔ anomu no kɔ ɔyafunu mu na ɛyi gu yaane mu anaa?


Na wɔdwendwenee wɔn mu kekaa sɛ: Yɛamfa paanoo no ntira.


Akyire yi a dubaako no te adidiiɛ no, ɔyii ne ho adi kyerɛɛ wɔn, na ɔkaa wɔn anim gye a wɔnnye nni no ne wɔn akomaden ho, sɛ wɔannye wɔn a wɔhunuu no sɛ wasɔre no annie nti.


Na ntɛm ara a Yesu hunuu ne honhom mu sɛ wɔredwendwene wɔn mu saa no, ɔsee wɔn sɛ: Adɛn nti na modwendwene yeinom mo akoma mu?


Na ɔde abufuo hwɛɛ wɔn hyiae, na wɔn akomaden nti ɛyɛɛ no ya, na ɔsee onipa no sɛ: Tene wo nsa. Na ɔteneeɛ; na ne nsa no sane yɛɛ yie.


Na wɔante paanoo ho asɛm no ase ɛfiri sɛ na wɔn akoma apirim.


Na wɔdwendwene sesee wɔn ho sɛ wɔnni paanoo.


Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: O adwenharefoɔ a moyɛ nyaa mo akoma mu sɛ mobɛgye deɛ adiyifoɔ no aka nyinaa adie!


Afei yɛahunu sɛ wonim nnoɔma nyinaa, na ɛnhia wo sɛ obi bisa woɔ; yei mu na yɛgye di sɛ wofiri Nyankopɔn nkyɛn na ɛbaeɛ.


Ɔsee no ne mprɛnsa so sɛ: Simon, Yohane ba, wodɔ me? Ɛyɛɛ Petro awerɛho sɛ wabisa no mprɛnsa sɛ: Wodɔ me? Na ɔbuaa no sɛ: Awurade, wonim ade nyinaa, wonim sɛ medɔ wo. Yesu see no sɛ: Yɛne me nnwan!


Na mede owuo bɛkum ne mma, na asafo no nyinaa ahunu sɛ, mene deɛ ɔhwehwɛ adwene ne akoma mu, na mɛma mo mu biara sɛdeɛ mo nnwuma teɛ.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan