Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Marko 8:11 - New Revised Asante Twi Bible

11 Na Farisifoɔ no baeɛ, na wɔfitii aseɛ bisabisaa no nsɛm, hwehwɛɛ ne nkyɛn nsɛnkyerɛnneɛ a ɛfiri soro de sɔɔ no hwɛe.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

11 Na Farisifoɔ no baeɛ, na wɔfitii aseɛ bisabisaa no nsɛm, hwehwɛɛ ne nkyɛn nsɛnkyerɛnneɛ a ɛfiri soro de sɔɔ no hwɛe.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

11 Farisifo no tee sɛ Yesu aba hɔ no, wɔbaa ne nkyɛn bebisabisaa no nsɛm, de sɔɔ no hwɛe. Wɔka kyerɛɛ no se, “Yɛ nsɛnkyerɛnne bi kyerɛ yɛn. Ma nsɛnkyerɛnne bi nna adi wɔ wim nkyerɛ yɛn. Ɛno ansa na yebegye wo adi.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

11 Farisifoɔ no tee sɛ Yesu aba hɔ no, wɔbaa ne nkyɛn bɛbisabisaa no nsɛm, de sɔɔ no hwɛɛ. Wɔka kyerɛɛ no sɛ, “Yɛ nsɛnkyerɛnneɛ bi kyerɛ yɛn. Ma nsɛnkyerɛnneɛ bi nna adi wɔ ewiem nkyerɛ yɛn. Ɛno ansa na yɛbɛgye wo adi.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

11 Na Farisifo no bae, na wofii ase bisabisaa no nsɛm hwehwɛɛ ne nkyɛn sɛnkyerɛnne a efi soro de sɔɔ no hwɛe.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Marko 8:11
27 Iomraidhean Croise  

Enti ɔman no ne Mose hamee, na wɔse: Ma yɛn nsuo nnom. Na Mose ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Adɛn nti na mo ne me ham? Adɛn nti na mosɔ AWURADE hwɛ?


Na Israelfoɔ no ham ne sɔ a wɔsɔɔ AWURADE hwɛɛ sɛ “AWURADE wɔ yɛn mu anaasɛ ɔnni yɛn mu” no nti, ɔfrɛɛ hɔ Masa ne Meriba.


Na afei yɛn deɛ, yɛbu ahantanfoɔ ahotɔfoɔ; wɔn a wɔdi abɔnefosɛm no, wɔn ase atim, nso wɔsɔ Onyankopɔn hwɛ, na wɔfiri mu fi nso.


Ɛnna Atwerɛfoɔ ne Farisifoɔ no mu bi ka kyerɛɛ no sɛ: Kyerɛkyerɛfoɔ, yɛpɛ sɛ yɛhunu nsɛnkyerɛnneɛ bi firi wo hɔ.


Na Farisifoɔ baa ne nkyɛn bɛsɔɔ no hwɛe, sɛ: Obi wɔ ho kwan sɛ asɛm biara nti ɔgyaa ne yere anaa?


Na ɔduruu asɔrefie na ɔrekyerɛkyerɛ no, asɔfoɔ mpanimfoɔ ne ɔman no mu mpanimfoɔ baa ne nkyɛn bɛkaa sɛ: Tumi bɛn na wode yɛ nnoɔma yi, na hwan na ɔmaa wo saa tumi yi?


Ɛno na Farisifoɔ no kɔ kɔtuu agyina sɛdeɛ wɔbɛsum no fidie wɔ kasa mu.


Na Yesu hunuu wɔn amumuyɛ no, ɔkaa sɛ: Mo nyaatwomfoɔ, adɛn na moresɔ me ahwɛ?


Da no ara na Sadukifoɔ a wɔka sɛ owusɔreɛ nni hɔ no baa ne nkyɛn bɛbisaa no


Na ɔhunuu wɔn nyaatwom no, ɔsee wɔn sɛ: Adɛn nti na mosɔ me hwɛ? Momfa denare bi mmrɛ me na menhwɛ.


Na Atwerɛfoɔ a wɔfiri Farisifoɔ mu no hunuu sɛ ɔne togyefoɔ ne nnebɔneyɛfoɔ redidie no, wɔbisaa n’asuafoɔ no sɛ: Adɛn nti na ɔne togyefoɔ ne nnebɔneyɛfoɔ redidie yi?


Na Yesu bisaa wɔn sɛ: Ɛdeɛn asɛm na mo ne wɔn rebisabisa mo ho yi?


Na hwɛ, mmarakyerɛni bi sɔre gyinaa hɔ sɔɔ no hwɛe sɛ: Kyerɛkyerɛfoɔ, menyɛ dɛn na manya daa nkwa?


Na ebinom sɔɔ no hwɛe hwehwɛɛ ne nkyɛn nsɛnkyerɛnneɛ bi a ɛfiri soro.


Ɛnna Yesu see no sɛ: Sɛ moanhunu nsɛnkyerɛnneɛ ne nkonyaa a, morennye nni.


Ɛnna wɔsee no sɛ: Ɛnneɛ nsɛnkyerɛnneɛ bɛn na woreyɛ, na yɛahunu na yɛagye wo adie? Ɛdeɛn na woreyɛ?


Mpanimfoɔ anaa Farisifoɔ no mu bi agye no adi anaa?


Na yei deɛ, wɔka de sɔɔ no hwɛe, na wɔanya biribi akɔtoto n’ano. Na Yesu brɛɛ ne mu ase, de ne nsateaa twerɛtwerɛɛ fam.


Na Petro ka kyerɛɛ no sɛ: Adɛn na moayɛ nokorɔ sɛ morebɛsɔ Awurade Honhom ahwɛ yi? Hwɛ, wɔn a wɔkɔsiee wo kunu no nan tiatia aboboano, na wɔbɛsoa wo nso afiri adi.


Nso mommma yɛnnsɔ Kristo nnhwɛ, sɛdeɛ wɔn mu binom yɛeɛ, na awɔ kunkumm wɔn no.


Monnsɔ AWURADE mo Nyankopɔn nnhwɛ, sɛdeɛ mosɔɔ no hwɛɛ Masa hɔ no;


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan