Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Marko 7:4 - New Revised Asante Twi Bible

4 na sɛ wɔfiri dwa ase ba, na wɔanhohoro wɔn ho a, wɔnnidi; na nnoɔma pii keka ho a wɔgyee sɛ wɔbɛkuta mu, nkuruwa ne mpɔɔdɔ ne kɔbere mfrafraeɛsɛn ne nnamu ho hohorɔ.)

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

4 na sɛ wɔfiri dwa ase ba, na wɔanhohoro wɔn ho a, wɔnnidi; na nnoɔma pii keka ho a wɔgyee sɛ wɔbɛkuta mu, nkuruwa ne mpɔɔdɔ ne kɔbere mfrafraeɛsɛn ne nnamu ho hohorɔ.)

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

4 Na sɛ wofi gua so ba a, wɔhohoro wɔn nsa ansa na wɔadidi. Eyi yɛ mmara bebree a wofi tete adi so no mu baako. Na mmara no bi ne sɛ, wɔhohoro nkuruwa, asɛn ne kɔberesɛn mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

4 Na sɛ wɔfiri dwa so ba a, wɔhohoro wɔn nsa ansa na wɔadidi. Yei yɛ mmara bebree a wɔfiri tete adi so no mu baako. Na mmara no bi ne sɛ, wɔhohoro nkuruwa, asɛn ne nwowa mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

4 na sɛ wofi gua so ba na wɔanhohoro wɔn ho a, wonnidi; na nneɛma pii keka ho a wogyei sɛ wobekura mu, nkuruwa ne nkuku ne kɔberesɛn ne adidii ntwerimu ho hohoro).

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Marko 7:4
15 Iomraidhean Croise  

Mɛhohoro me nsa, bemdie mu, na matwa w’afɔrebukyia ho mahyia, AWURADE,


Monnware, monnwira mo ho. Monyi mo nneyɛɛ mu bɔne mfiri m’ani so, monnyae bɔneyɛ.


na mede nkuruwa a nsa ayeyɛ no amaama ne nkoraa sisii Rekabfoɔ fie mma no anim, na mesee wɔn sɛ: Monnom nsa.


Hohoro w’akoma ho firi bɔne mu, O Yerusalem, na wɔagye wo. Da bɛn na w’abusudwene ntena wo mu nkɔsie?


Monnue, mo Atwerɛfoɔ ne Farisifoɔ, nyaatwomfoɔ! Sɛ mohohoro kuruwa ne ayowa akyire, na emu deɛ adwotwa ne adufudepɛ ahyɛ ma.


Farisini nifirani! Hohoro kuruwa ne ayowa no mu kane, na akyire nso afi.


Na Pilato hunuu sɛ ɔntumi nyɛ ho hwee na mmom sakasaka reba no, ɔfaa nsuo hohoroo ne nsa nkurɔfokuo no anim kaa sɛ: Medi bem wɔ onipa tenenee yi mogya ho; mo ara monhwɛ.


Na moagya Nyankopɔn ahyɛdeɛ, kura nnipa atetesɛm mu.


Nso na aboɔ nsuhina nsia sisi hɔ, sɛdeɛ Yudafoɔ ahodwira teɛ, baako bɛtumi agye galɔn aduonu anaa aduasa.


Ɛnna ahodwira ho akyinnyegyeɛ bi sɔree Yohane asuafoɔ ne Yudafoɔ ntam.


na ɛne nnuane ne anonneɛ ne adware ahodoɔ yɛ honam nsiesieeɛ nko a ɛda hɔ sɛ wɔnyɛ nkɔduru berɛ a wɔahyɛ ato hɔ no.


Mommɛn Onyankopɔn, na ɔbɛbɛn mo. Monhohoro mo nsa, mo nnebɔneyɛfoɔ, na monte mo akoma mu, mo a mo adwene yɛ ntanta!


Na sɛ yɛnam hann mu sɛ ɔno wɔ hann mu no a, na yɛwowɔ ayɔnkofa wɔ yɛn ntɛm, na ne Ba Yesu mogya te yɛn ho firi bɔne nyinaa mu.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan