Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Marko 7:36 - New Revised Asante Twi Bible

36 Na ɔbaraa wɔn sɛ wɔnnka nkyerɛ obiara; nanso ɔrekɔ so bara wɔn no, na wɔrekɔ so pae mu ka.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

36 Na ɔbaraa wɔn sɛ wɔnnka nkyerɛ obiara; nanso ɔrekɔ so bara wɔn no, na wɔrekɔ so pae mu ka.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

36 Yesu bɔɔ nnipakuw no ano se, wɔmmmɔ asɛm no dawuru nkyerɛ obiara. Nanso mpɛn dodow a ɔbraa wɔn no, na trɛw ara na wɔn nso wɔretrɛw asɛm no mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

36 Yesu bɔɔ nnipakuo no ano sɛ, wɔmmmɔ asɛm no dawuro nkyerɛ obiara. Nanso, mpɛn dodoɔ a ɔbraa wɔn no, na trɛ ara na wɔn nso wɔretrɛ asɛm no mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

36 Na ɔbraa wɔn sɛ wɔnnka nkyerɛ obiara; nanso mpɛn dodow a ɔkɔ so bra wɔn no, na wɔkɔ so pae mu ka.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Marko 7:36
8 Iomraidhean Croise  

Na Yesu see no sɛ: Hwɛ, nka nkyerɛ obiara, kɔ na fa wo ho kɔkyerɛ ɔsɔfoɔ, na kɔma ayɛyɛdeɛ a Mose hyɛeɛ no, na ɛnyɛ adanseɛ mma wɔn.


Na Yesu baraa wɔn ketee sɛ wɔnnyi no nkyerɛ.


Na ɔhyɛɛ wɔn dendeenden sɛ wɔmmma obiara nnte; na ɔkaa sɛ wɔmma no biribi nni.


Na n’aso buee, na ne tɛkyerɛma homa no sanee ntɛm ara, na ɔtumi kasaa yie.


Na ɛyɛɛ wɔn ahodwiri boroo so, na wɔkaa sɛ: Wayɛ nnoɔma nyinaa yie, ɔma asotifoɔ te asɛm, na ɔma emum kasa.


Na ɔmaa no kɔɔ ne fie see no sɛ: Nkɔ akuraa no mpo ase.


Na wɔresiane bepɔ no, ɔbaraa wɔn sɛ wɔnnka deɛ wɔhunuiɛ no nnkyerɛ obiara, gye sɛ Onipa Ba no asɔre afiri awufoɔ mu ansa.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan