Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Marko 7:34 - New Revised Asante Twi Bible

34 na ɔhwɛɛ soro guu ahome, na ɔsee no sɛ: Hefata! ɛne sɛ: Bue!

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

34 na ɔhwɛɛ soro guu ahome, na ɔsee no sɛ: Hefata! ɛne sɛ: Bue!

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

34 Ɔhwɛɛ ɔsoro, guu ahome teɛɛ mu se, “Hefata!” Ase ne, “bue!”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

34 Ɔhwɛɛ soro, guu ahome teaam sɛ, “Hefata!” Aseɛ ne, “bue!”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

34 na ɔhwɛɛ ɔsoro guu ahome, na osee no sɛ: Efata! Ɛne sɛ: Bue!

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Marko 7:34
21 Iomraidhean Croise  

Na nna dodoɔ yi akyiri no, ɛbaa sɛ Misraimhene wui. Na nkoasom no nti Israelfoɔ no sii apini, na wɔsu frɛe, na wɔn sufrɛ no kɔduruu Nyankopɔn anim.


Wɔbuu no animtia, na nnipa poo no, ɔyɛ onipa a ɔhunuu ayayadeɛ na ɔnim yadeɛ, na wɔbuu no animtia sɛ obi a nnipa yi wɔn ani hunta no, na yɛammu no hwee.


Na ɔyɛɛ no mmɔbɔ, na ɔtenee ne nsa kaa no, na ɔsee no sɛ: Mepɛ, wo ho mfi.


Na ɛbɔɔ awia nɔnmmiɛnsa no, Yesu de nne kɛseɛ teaa mu sɛ: Eloi, Eloi, lama sabaktani? A nkyerɛaseɛ ne: Me Nyankopɔn, me Nyankopɔn, adɛn nti na woapa me yi?


Na ɔsɔɔ abɔfra no nsa see no sɛ: Talita, Kumm! Aseɛ ne sɛ: Abaayewa, mese wo sɛ: Nyane!


Na ɔfaa paanoo nnum ne mpataa mmienu no, na ɔhwɛɛ soro hyiraa so, na ɔbubuu paanoo no, na ɔde maa n’asuafoɔ no sɛ wɔnkyekyɛ mma wɔn; na ɔkyekyɛɛ mpataa mmienu no nso mu maa wɔn nyinaa.


Na n’aso buee, na ne tɛkyerɛma homa no sanee ntɛm ara, na ɔtumi kasaa yie.


Na ɔguu ahome ne honhom mu kaa sɛ: Adɛn na nnɛ mma yi hwehwɛ nsɛnkyerɛnneɛ yi? Nokorɛ mese mo sɛ, wɔremma nnɛ mma yi nsɛnkyerɛnneɛ biara.


Na Yesu see no sɛ: Hunu adeɛ! Wo gyidie agye wo.


Na ɔbɛneeɛ no, ɔhwɛɛ kuro no suu wɔ so sɛ:


Na ɔba bɛkaa funnaka no, na wɔn a wɔso no gyinae. Na ɔkaa sɛ: Aberanteɛ, mese wo sɛ: Sɔre!


Ɛnna Yesu hunuu no sɛ ɔresu na Yudafoɔ a wɔne no baeɛ nso resu no, ɔguu ahome honhom mu, na ne ho yeraa no,


Ɛnna Yesu guu ahome ne mu bio, na ɔbaa ɛda no so; ɛyɛ ɔbodan, na ɔboɔ hini ano.


Ɛnna wɔyii ɔboɔ no. Na Yesu maa n’ani so kaa sɛ: Agya, meda wo ase sɛ woatie me.


Na ɔkaa saa no, ɔde nne kɛseɛ teaa mu sɛ: Lasaro, firi bra!


Yeinom na Yesu kaeɛ, na ɔmaa n’ani so kyerɛɛ soro, na ɔkaa sɛ: Agya, dɔn no adu. Hyɛ wo Ba animuonyam, na Ɔba no nso ahyɛ wo animuonyam,


Na Petro ka kyerɛɛ no sɛ: Aenea, Yesu Kristo sa wo yadeɛ. Sɔre, na wo ara sɛ wo kɛtɛ! Na ɔsɔree ntɛm ara.


Na Petro pamoo wɔn nyinaa firii adie no, ɔkotoo ne nan anim bɔɔ mpaeɛ, na ɔdanee n’ani kyerɛɛ amu no, na ɔse: Tabita, sɔre! Na ɔtee n’ani, na ɔhunuu Petro no, ɔsɔre tenaa ase.


Na yɛnni ɔsɔfo panin a ɔnnim yɛn mmerɛyɛ na ɔnni tema mma yɛn, na mmom deɛ wɔasɔ no ahwɛ adeɛ nyinaa mu sɛ yɛn ara, nso wannyɛ bɔne.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan