Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Marko 7:26 - New Revised Asante Twi Bible

26 nso na ɔbaa no yɛ Helani, na n’awoɔ mu ɔyɛ Siro-Foinikeni; na ɔsrɛɛ no sɛ ɔntu honhommɔne no mfiri ne babaa no mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

26 nso na ɔbaa no yɛ Helani, na n’awoɔ mu ɔyɛ Siro-Foinikeni; na ɔsrɛɛ no sɛ ɔntu honhommɔne no mfiri ne babaa no mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

26 Ɔbea no srɛɛ no sɛ ontu saa honhommɔne no mfi ne ba no mu mma no. Na saa ɔbea yi yɛ Helani a wɔwoo no wɔ Siro-Foinike.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

26 Ɔbaa no srɛɛ no sɛ ɔntu saa honhommɔne no mfiri ne ba no mu mma no. Na saa ɔbaa yi yɛ Helani a wɔwoo no wɔ Siro-Foinike.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

26 nso na ɔbea no yɛ Helani, na n’awo mu ɔyɛ Siro-Foinikeni; na ɔsrɛɛ no sɛ ontu honhommɔne no mfi ne babea no mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Marko 7:26
7 Iomraidhean Croise  

Hwɛ, yeinom firi akyirikyiri bɛba, na hwɛ, yeinom firi atifi fam ne atɔeɛ fam, na yeinom nso firi Sinifoɔ asase so.


Na hwɛ, Kanaanni baa bi a ɔfiri mpɔtamu hɔ ba bɛteateaa mu sɛ: O Awurade, Dawid ba, hu me mmɔbɔ, na honhommɔne bi reha me babaa dodo!


Na ne ho asɛm trɛ kɔɔ Siria nyinaa, na wɔde wɔn a wɔyareɛ nyinaa, a nyarewa ne ɔhaw ahodoɔ akuta wɔn, wɔn a ahonhommɔne wɔ wɔn soɔ, wɔn a wɔyare ɛtwirɛ ne wɔn a wɔyare mmubuo brɛɛ no na ɔsaa wɔn yadeɛ.


Na amonom hɔ ara ɔbaa bi a ne babaa kumaa bi wɔ honhom fi tee ne nka no, ɔba bɛhwee ne nan ase;


Na Yesu see no sɛ: Ma mma mmee ansa; na ɛnyɛ fɛ sɛ wɔfa mma aduane to ma nkraman.


Yudani anaa Helani nni hɔ, akoa anaa ɔdehyeɛ nni hɔ, ɔbarima anaa ɔbaa nni hɔ bio; ɛfiri sɛ mo nyinaa yɛ baako, Kristo Yesu mu.


faako a Helani ne Yudani, twetiatwa ne momonotoyɛ, ɔpɔtɔni, Skiteni, akoa anaa ɔdehyeɛ bi nni hɔ bio, na mmom Kristo ne ade nyinaa wɔ wɔn nyinaa mu no.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan