Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Marko 7:24 - New Revised Asante Twi Bible

24 Na ɔsɔre firii hɔ kɔɔ Tiro ne Sidon fam. Na ɔkɔɔ efie bi mu, na wampɛ sɛ obiara teɛ; nso wantumi anhunta.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

24 Na ɔsɔre firii hɔ kɔɔ Tiro ne Sidon fam. Na ɔkɔɔ efie bi mu, na wampɛ sɛ obiara teɛ; nso wantumi anhunta.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

24 Yesu fi hɔ no, ɔkɔɔ Tiro ne Sidon fam pɛɛ sɛ ɔrekɔhyɛ hɔ komm a obiara nte ne nka, nanso anyɛ ye. Da a oduu hɔ ara pɛ, na nkurɔfo tee ne nka sɛ waba hɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

24 Yesu firi hɔ no, ɔkɔɔ Tiro ne Sidon fam pɛɛ sɛ ɔrekɔhyɛ hɔ komm a, obiara nte ne nka, nanso anyɛ yie. Ɛda a ɔduruu hɔ ara pɛ, na nkurɔfoɔ tee ne nka sɛ waba hɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

24 Na ɔsɔre fii hɔ kɔɔ Tiro ne Sidon fam. Na ɔkɔɔ ofi bi mu, na wampɛ sɛ obiara te; nanso wantumi anhintaw.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Marko 7:24
19 Iomraidhean Croise  

Kanaan woo n’abakan Sidon, ne Het,


Na Kanaanfoɔ hyeɛ firi Sidon kɔduru Gerar de kɔsi Gasa kɔduru Sodom, Gomora, Adma ne Seboim de kɔsi Lasa.


Sebulon tenabea bɛkyerɛ mpoano, na wahwɛ deɛ ahyɛn gyinagyina, na ɔne Sidon abɔ hyeɛ.


Na waka sɛ: Worenkɔ so nni ahurisie bio, O Sidon babaa a wɔabɔ wo adapaa. Kipro na sɔre twam korɔ, ɛhɔ nso worennya ɔhome.


Ɔrenteam na ɔremma ne nne so, na ɔremma wɔnte ne nne abɔntene so;


Onipa ba, ka kyerɛ Tiro man panin sɛ: Sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie: Ɛsiane sɛ woama wo ho soɔ, na wose: Meyɛ onyame, anyamedwa so na meteɛ, ɛpo mfimfini, nanso woyɛ onipa, na wonyɛ onyame, na wobu wo ho sɛ onyame.


Korasin, due! Betsaida, due! Ɛfiri sɛ tumideɛ a wɔayɛ no mo mu yi, sɛ wɔyɛɛ no Tiro ne Sidon a, anka wɔasakyera wɔn adwene ayitoma ne nso mu dada.


Na ɔduruu fie no, anifirafoɔ no baa ne nkyɛn; na Yesu bisaa wɔn sɛ: Mogye di sɛ mɛtumi mayɛ yei? Wɔbuaa no sɛ: Aane, owura.


Na nna bi akyiri no, ɔkɔɔ Kapernaum bio, na wɔtee sɛ ɔwɔ fie.


Nnebɔne yi nyinaa firi onipa mu na ɛba, na ɛgu onipa ho fi.


Na amonom hɔ ara ɔbaa bi a ne babaa kumaa bi wɔ honhom fi tee ne nka no, ɔba bɛhwee ne nan ase;


Na ɔfiri Tiro ahyeɛ so nam Sidon baa Galilea po ho faa Dekapoli ahyeɛ so.


Saa ara na nnwuma pa nso da adi pefee, na sɛ anyɛ saa mpo a, ɛnhunta.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan