Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Marko 7:14 - New Revised Asante Twi Bible

14 Na ɔfrɛɛ nkurɔfokuo no nyinaa baa ne nkyɛn see wɔn sɛ: Mo nyinaa montie, na monte aseɛ!

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

14 Na ɔfrɛɛ nkurɔfokuo no nyinaa baa ne nkyɛn see wɔn sɛ: Mo nyinaa montie, na monte aseɛ!

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

14 Afei Yesu frɛɛ nnipakuw no baa ne nkyɛn, ka kyerɛɛ wɔn se, “Mo nyinaa muntie asɛm a mereka yi yiye, na monte ase.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

14 Afei, Yesu frɛɛ nnipakuo no baa ne nkyɛn, ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Mo nyinaa montie asɛm a mereka yi yie, na monte aseɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

14 Na ɔfrɛɛ nkurɔfokuw no nyinaa baa ne nkyɛn see wɔn sɛ: Mo nyinaa muntie, na monte ase!

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Marko 7:14
14 Iomraidhean Croise  

Ɛnna Elia twe pinii ɔman no nyinaa nkyɛn bɛkaa sɛ: Ɛnkɔsi da bɛn na mo adwene bɛyɛ mo ntanta? Sɛ AWURADE ne Onyankopɔn a, monni n’akyi: Sɛ Baal nso a, monni n’akyi! Na ɔman no ammua no asɛm biara.


Na Mikaia kaa sɛ: Sɛ wosane ba dwoodwoo a, ɛnneɛ na ɛnyɛ AWURADE na ɔnam me so kasaeɛ. Na ɔse: Mo aman nyinaa, montie!


Ɔman mu agyimifoɔ, monte aseɛ, na mo, nkwasea, da bɛn na mobɛhunu de?


Mo, ntetekwaa, momma mo ani nte, na mo, nkwaseafoɔ, monnya nhunumu akoma.


Na ɔse: Kɔ na kɔka kyerɛ ɔman yi sɛ: Teɛ ara na monteɛ, na monnte aseɛ, na hunu ara na monhunu, na monnhunu mu.


a Odiyifoɔ Yeremia kaeɛ, Yuda man no nyinaa ho kyerɛɛ Yerusalemfoɔ nyinaa nie:


Na ɔfrɛɛ nkurɔfokuo no ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Montie, na monte aseɛ.


na mode mo atetesɛm a mokyerɛ no sɛe Nyankopɔn asɛm no, na nnoɔma a ɛte sɛ yeinom pii na moyɛ.


Biribiara nni onipa ho a ɛkɔ ne mu a ɛbɛtumi agu ne ho fi.


Berɛ no mu ara a nkurɔfokuo mpempem aboaboa wɔn ano na mpo wɔtiatia wɔn ho soɔ no, ɔfitii aseɛ ka kyerɛɛ n’asuafoɔ no kane sɛ: Monhwɛ mo ho yie Farisifoɔ mmɔka a ɛne nyaatwom no ho!


Na Filipo de mmirika kɔɔ ne nkyɛn, na ɔtee sɛ ɔrekenkan Odiyifoɔ Yesaia nwoma no, ɔbisaa no sɛ: Wote deɛ worekenkan yi ase anaa?


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan