Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Marko 6:48 - New Revised Asante Twi Bible

48 Na ɔhunuu wɔn sɛ wɔrebrɛ ɔhare mu; na mframa rehyia wɔn. Na ɛbɛyɛ anɔpahemahema nnɔnmmiɛnsa ne nnɔnnsia ntam no, ɔnam ɛpo ani baa wɔn nkyɛn; na ɔrepɛ asiane wɔn ho.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

48 Na ɔhunuu wɔn sɛ wɔrebrɛ ɔhare mu; na mframa rehyia wɔn. Na ɛbɛyɛ anɔpahemahema nnɔnmmiɛnsa ne nnɔnnsia ntam no, ɔnam ɛpo ani baa wɔn nkyɛn; na ɔrepɛ asiane wɔn ho.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

48 Ohuu sɛ na wɔn ho akyere wɔn; ɛne sɛ, mframa a ano yɛ den ne asorɔkye bɔ dwiradwiraa ɔkorow no, enti na wɔrebrɛ wɔ ɔkorow no hare mu. Anɔpahema bɛyɛ sɛ nnɔnabiɛsa bere mu no, ɔnantew asu no ani baa wɔn nkyɛn. Ɔyɛɛ sɛ ɔretwa wɔn ho.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

48 Ɔhunuu sɛ na wɔn ho akyere wɔn; ɛne sɛ, mframa a ano yɛ den ne asorɔkye bɔ dweradweraa kodoɔ no, enti na wɔrebrɛ ɔkodoɔ no hare mu. Anɔpahema bɛyɛ sɛ nnɔnmiɛnsa berɛ mu no, ɔnantee nsuo no ani baa wɔn nkyɛn. Ɔyɛɛ sɛ ɔretwa wɔn ho.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

48 Na ohuu wɔn sɛ wɔrebrɛ ahare mu; na mframa rehyia wɔn. Na ɛbɛyɛ anɔpahemahema nnɔnabiɛsa ne nnɔnsia ntam no, ɔnam po ani baa wɔn nkyɛn, na ɔrepɛ atwa wɔn ho.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Marko 6:48
16 Iomraidhean Croise  

Me wuranom, mesrɛ mo, mommane mmra mo akoa fie mmɛsoɛ anadwo yi, na monhohoro mo nan ase, na anɔpatutu moasɔre akɔ mo kwan. Na wɔse: Dabi, yɛbɛda abɔntene so.


Na ɔbarima no kaa sɛ: Ma menkɔ, na adeɛ rekye. Na Yakob buaa sɛ: Meremma wonkɔ gye sɛ wohyira me.


Ɔno nko na ɔtrɛ ɔsoro mu, na ɔtiatia po asorɔkyeɛ so;


ɔde ne mpia sam nsuo so, ɔde mununkum yɛ ne teaseɛnam, ɔde mframa ntaban nenam.


Deɛ ɔsene nsukɛseɛ nne, nsuo a ɛwɔ tumi, ɛpo mu asorɔkyeɛ nne, ɔne ɔsoro hɔ tumfoɔ AWURADE.


Na anɔpa nsraberɛ mu no AWURADE faa ogya ne mununkum dum no hwɛɛ Misraim dɔm no, na ɔmaa Misraim dɔm no ho yeraa wɔn,


O mmɔborɔni a ahum bɔɔ woɔ a wɔnkyekyeree wo werɛ, hwɛ, me ara mede w’aboɔ bɛtoto anintɔnka adubire mu, na mede hoa aboɔ mato wo fapem,


Na kodoɔ no aduru ɛpo no mfimfini, na asorɔkyeɛ reha no, ɛfiri sɛ na mframa no rehyia wɔn.


Na monhunu yei sɛ efiewura no nim ɔdasuo ko a owifoɔ bɛba a, anka ɔbɛwɛn, na wamma wɔammɛtu ne dan ase amma mu.


Enti monwɛn! Na monnim da ko a efiewura no bɛba, anadwofa anaa ɔdasuo mu anaa akokɔbɔneeɛ anaa anɔpa,


Na ɛduruu anwummerɛ no na kodoɔ no wɔ ɛpo no mfimfini, na ɔno nko ara wɔ fam.


Na wɔhunuu no sɛ ɔnam ɛpo no ani no, wɔsusuu sɛ ɛyɛ ɔsaman, na wɔteateaa mu,


Na sɛ ɔba ɔdasuo a ɛtɔ so mmienu anaa mmiɛnsa mu na ɔbɛto wɔn saa a, nhyira ne wɔn!


Na wɔrebɛn akuraa a wɔrekɔ aseɛ no, ɔyɛɛ sɛdeɛ ɔrekɔ n’anim.


a ɛmfiri mogya anaasɛ deɛ ɔhonam pɛ anaasɛ deɛ ɔbarima pɛ mu, na mmom ɛfiri Nyankopɔn mu na wɔwoo wɔn.


Na adeɛ kyeeɛ no, Saulo buu ɔman no mu asafokuo mmiɛnsa na wɔkɔɔ nsraban no mu anɔpa dasuo mu, na wɔkunkumm Amon kɔduruu awia ketee. Na wɔn a ɛkaeɛ no bɔ petee a anka wɔn mu baanu mpo wɔ faako.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan