Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Marko 6:41 - New Revised Asante Twi Bible

41 Na ɔfaa paanoo nnum ne mpataa mmienu no, na ɔhwɛɛ soro hyiraa so, na ɔbubuu paanoo no, na ɔde maa n’asuafoɔ no sɛ wɔnkyekyɛ mma wɔn; na ɔkyekyɛɛ mpataa mmienu no nso mu maa wɔn nyinaa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

41 Na ɔfaa paanoo nnum ne mpataa mmienu no, na ɔhwɛɛ soro hyiraa so, na ɔbubuu paanoo no, na ɔde maa n’asuafoɔ no sɛ wɔnkyekyɛ mma wɔn; na ɔkyekyɛɛ mpataa mmienu no nso mu maa wɔn nyinaa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

41 Yesu faa brodo anum ne mpataa abien no, na ɔhwɛɛ soro, bɔɔ mpae, hyiraa so. Obubuu brodo no mu de maa asuafo no sɛ wɔnkyɛ mma nnipa no. Na ɔkyɛɛ mpataa no nso maa wɔn.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

41 Yesu faa burodo enum ne mpataa mmienu no, na ɔhwɛɛ ɔsoro, bɔɔ mpaeɛ, hyiraa so. Ɔbubuu burodo no mu de maa asuafoɔ no sɛ wɔnkyɛ mma nnipa no. Na ɔkyɛɛ mpataa no nso maa wɔn.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

41 Na ɔfaa abodoo anum ne mpataa abien no, na ɔhwɛɛ ɔsoro hyiraa so, na obubuu abodoo no, na ɔde maa n’asuafo no sɛ wɔnkyɛ mma wɔn; na ɔkyekyɛɛ mpataa abien no nso mu maa wɔn nyinaa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Marko 6:41
22 Iomraidhean Croise  

Na ɔhyɛɛ nkurɔfoɔ akuakuo no sɛ wɔntenatena ɛserɛ no so, na ɔfaa paanoo nnum ne mpataa mmienu no, na ɔhwɛɛ soro hyiraa so; na ɔbubuu mu de paanoo no maa n’asuafoɔ, na asuafoɔ no nso de maa nkurɔfoɔ akuakuo no.


Na ɔfaa paanoo nson no ne mpataa no, na ɔdaa ase, na ɔbubu de maa n’asuafoɔ no, na asuafoɔ no nso de maa nkurɔfoɔ akuakuo no.


Na wɔredidie no, Yesu faa paanoo, na ɔhyiraa so bubuu mu de maa asuafoɔ no sɛ: Monnye nni; yei ne me honam.


Na wɔredidie no, Yesu faa paanoo hyiraa so bubui, na ɔde maa wɔn kaa sɛ: Monnye. Yei ne me honam!


Na wɔtenatenaa ase akuakuo, ɔha ɔha, ne aduonum aduonum.


Na wɔn nyinaa didii, na wɔmeeɛ.


na ɔhwɛɛ soro guu ahome, na ɔsee no sɛ: Hefata! ɛne sɛ: Bue!


Mebubuu paanoo nnum memaa nnipa mpemnum no, mporoporowa nkɛntɛn ma ahe na motaseeɛ? Ɛnna wɔsee no sɛ: Dumienu.


Na ɛbaa sɛ ɔne wɔn te adidiiɛ no, ɔfaa paanoo hyiraa so, na ɔbubu de maa wɔn.


Na ɔfaa paanoo nnum ne mpataa mmienu no hwɛɛ ɔsoro hyiraa so, na ɔbubu de maa asuafoɔ no sɛ wɔnkyɛ mma nkurɔfokuo no.


Ɛnna wɔyii ɔboɔ no. Na Yesu maa n’ani so kaa sɛ: Agya, meda wo ase sɛ woatie me.


Yeinom na Yesu kaeɛ, na ɔmaa n’ani so kyerɛɛ soro, na ɔkaa sɛ: Agya, dɔn no adu. Hyɛ wo Ba animuonyam, na Ɔba no nso ahyɛ wo animuonyam,


Na Yesu faa paanoo no ne mpataa no, na ɔdaa ase no, ɔkyɛ maa wɔn a wɔtete hɔ no; dodoɔ biara a wɔhia.


Na akodoɔ foforɔ firii Tiberia baa faako a Awurade daa ase, na wɔdii paanoo no hɔ;


Na ɔkaa saa na ɔfaa paanoo no, ɔdaa Onyankopɔn ase wɔn nyinaa anim, na ɔbubu firii aseɛ diiɛ.


Deɛ ɔdwene da bi ho no, ɔdwene ma Awurade. Deɛ ɔdie no, ɔdi ma Awurade, na ɔda Onyankopɔn ase; na deɛ ɔnnie no, ɔnni de ma Awurade, na ɔda Onyankopɔn ase.


Enti sɛ modidi oo, monom oo, moyɛ biribiara oo, monyɛ ne nyinaa nhyɛ Onyankopɔn animuonyam.


Na sɛ wodidi mee a, hyira AWURADE wo Nyankopɔn, asase pa a ɔde ama woɔ no nti.


Na biribiara a moyɛ no, kasa mu oo! nneyɛɛ mu oo! monyɛ ne nyinaa Awurade Yesu din mu mfa ne so nna Agya Nyankopɔn ase.


Moduru kuro no mu ara pɛ a, mobɛhu no ansa na wakɔ sorɔnsorɔnbea hɔ akɔdidi; ɛfiri sɛ ɔman no nnidi kɔsi sɛ ɔbɛba, na ɔno na ɔhyira afɔdeɛ no soɔ ansa na wɔn a wɔahyia wɔn no adidi. Enti momforo nkɔ, na berɛ yi ara na mobɛhu no.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan