Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Marko 6:24 - New Revised Asante Twi Bible

24 Na ɔfirii adi kɔbisaa ne na sɛ: Ɛdeɛn na menkɔbisa? Na ɔkaa sɛ: Yohane a ɔbɔ asuo no ti.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

24 Na ɔfirii adi kɔbisaa ne na sɛ: Ɛdeɛn na menkɔbisa? Na ɔkaa sɛ: Yohane a ɔbɔ asuo no ti.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

24 Ababaa yi kɔɔ ne na nkyɛn kobisaa no nea ommisa ma ɔka kyerɛɛ no se, “Bisa no Osuboni Yohane ti!”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

24 Ababaawa yi kɔɔ ne maame nkyɛn kɔbisaa no deɛ ɔmmisa, ma ɔka kyerɛɛ no sɛ, “Bisa no Yohane Osubɔni ti!”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

24 Na ofii adi kobisaa ne na sɛ: Dɛn na minkobisa? Na ɔkae sɛ: Yohane a ɔbɔ asu no ti.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Marko 6:24
14 Iomraidhean Croise  

Na Yonadab ka kyerɛɛ no sɛ: Kɔda wo mpa so, na patu yare; na sɛ w’agya bɛhwɛ wo a, ka kyerɛ no sɛ: Ma me nua Tamar mmra mmɛma me aduane, na ɔnyɛ aduane no m’anim nso, na menhunu, na menni no ne nsam.


ampa ara me ntomadan mufoɔ anka sɛ: Hwan na Hiob maa no nam a ammee no?


Nnipa bɔne a wɔhyɛ me so na wɔtane me, sɛ wɔretoa me abɛsunsuane me a, wɔawatiwatiri na wɔahwehwe ase.


Ɔbɔnefoɔ susu ɔteneneeni ho asɛm, na ɔtwɛre ne se gu ne so,


Abɔnefoɔ atwe nkrantɛ, na wɔakuntunu wɔn tadua mu sɛ wɔbɛma ɔmanehunufoɔ ne ohiani ahwe ase, na wɔaku wɔn a wɔn abrabɔ yɛ:


Na ne na tuu no fo bɔne maa no bɛkaa sɛ: Fa Osuboni Yohane ti to plɛte so ma me ha yi ara!


Na nna no mu no, Yohane a ɔyɛ osuboni no ba bɛkaa asɛm wɔ Yudea serɛ so


Na ɔkaa no ntam sɛ: Adeɛ biara a wobɛbisa me no, mɛma wo, de kɔsi m’ahennie fa so.


Na ntɛm ara ɔde ahoɔherɛ baa ɔhene nkyɛn bɛkaa sɛ: Mepɛ sɛ wode Yohane subɔni no ti to plɛte so ma me seesei ara.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan