Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Marko 6:15 - New Revised Asante Twi Bible

15 Na ebinom se: Ɛyɛ Elia; na ebinom nso se: Ɛyɛ odiyifoɔ te sɛ adiyifoɔ no mu baako.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

15 Na ebinom se: Ɛyɛ Elia; na ebinom nso se: Ɛyɛ odiyifoɔ te sɛ adiyifoɔ no mu baako.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

15 Ebinom nso susuw sɛ, Yesu yɛ Odiyifo Elia na wasan aba. Afoforo nso kae se, odiyifo foforo bi a ɔte sɛ tete adiyifo akɛse no bi na waba.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

15 Ebinom nso susuu sɛ, Yesu yɛ Odiyifoɔ Elia na wasane aba. Afoforɔ nso kaa sɛ, odiyifoɔ foforɔ bi a ɔte sɛ tete adiyifoɔ akɛseɛ no bi na waba.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

15 Na ebinom sɛ: Ɛyɛ Elia; ebinom nso se: Ɛyɛ odiyifo te sɛ adiyifo no mu biako.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Marko 6:15
19 Iomraidhean Croise  

Hwɛ, meresoma Odiyifoɔ Elia mabrɛ mo, ansa na AWURADE da kɛseɛ a ɛyɛ hu no aba.


Na wɔse: Ebinom se: Yohane suboni no. Ebinom se: Elia. Na ebinom nso se: Yeremia anaa adiyifoɔ no mu baako.


Na nkurɔfoɔ akuakuo no se: Oyi ne Yesu, odiyifoɔ a ɔfiri Nasaret a ɛwɔ Galilea no.


Na Herode teeɛ no, ɔkaa sɛ: Yohane a metwaa ne tire no, ɔno na wanyane.


Na wɔbuaa no sɛ: Yohane suboni; na ebinom se: Elia; na ebinom nso se: Adiyifoɔ no mu baako.


Na ɔde Elia honhom ne ahoɔden bɛdi n’anim akɔdane agyanom akoma aba wɔn mma so ne asoɔdenfoɔ akɔ teneneefoɔ adwene ho, na wasiesie ɔman a wɔaboaboa wɔn ho no de ama Awurade.


Na ehu kaa wɔn nyinaa, na wɔyii Onyankopɔn ayɛ sɛ: Odiyifoɔ kɛseɛ asɔre wɔ yɛn mu, na Onyankopɔn abɛhwɛ ne man.


Na Farisini a ɔhyiaa no adidie no hunuiɛ no, ɔkaa ne tirim sɛ: Onipa yi, sɛ ɔyɛ odiyifoɔ a, anka ɔbɛhunu onii ne ɔbaa ko a ɔde ne nsa ka no yi sɛ ɔyɛ ɔdebɔneyɛni.


Na wɔbuaa sɛ: Yohane suboni, na ebinom se: Elia, na afoforɔ se: Tete adiyifoɔ no mu bi na wasɔreɛ.


na ebinom se: Elia ayi ne ho akyerɛ, na afoforɔ se: Tete adiyifoɔ no mu baako asɔre.


Na wɔbisaa no sɛ: Ɛnneɛ na hwan ne wo? Wone Elia? Na ɔse: Ɛnyɛ mene no. Wone odiyifoɔ no? Na ɔbuaa sɛ: Dabi.


Na wɔbisaa no sɛ: Sɛ wonyɛ Kristo no, anaa Elia anaa odiyifoɔ no a, ɛnneɛ adɛn nti na wobɔ asu yi?


Afei nnipa no hunuu nsɛnkyerɛnneɛ a Yesu yɛeɛ no, wɔkaa sɛ: Ampa, odiyifoɔ a ɔreba wiase no nie!


Na nkurɔfokuo no tee nsɛm yi no, wɔn mu binom kaa sɛ: Odiyifoɔ no nie ampa!


Ɛnna wɔsee onifirani no bio sɛ: Wo deɛ, woka deɛn ne ho, sɛ ɔbuee w’ani no? Na ɔse: Ɔyɛ odiyifoɔ.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan