Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Marko 6:14 - New Revised Asante Twi Bible

14 Na Ɔhene Herode tee; ɛfiri sɛ na Yesu din atrɛ, na ɔkaa sɛ: Yohane a na ɔbɔ asu no anyane afiri awufoɔ mu, enti na ahoɔdenneɛ yi di dwuma wɔ ne mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

14 Na Ɔhene Herode tee; ɛfiri sɛ na Yesu din atrɛ, na ɔkaa sɛ: Yohane a na ɔbɔ asu no anyane afiri awufoɔ mu, enti na ahoɔdenneɛ yi di dwuma wɔ ne mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

14 Ɔhene Herode tee eyi, efisɛ na Yesu din atrɛw. Ebinom kae se, “Osuboni Yohane no na wasan aba nkwa mu bio, enti na otumi yɛ anwonwade a ɔyɛ yi.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

14 Ɔhene Herode tee yei, ɛfiri sɛ na Yesu din atrɛ. Ebinom kaa sɛ, “Yohane Osubɔni no na wasane aba nkwa mu bio, enti na ɔtumi yɛ anwanwadeɛ a ɔyɛ yi.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

14 Na ɔhene Herode tee; efisɛ na Yesu din atrɛw, na ɔkae sɛ: Yohane a anka ɔbɔ asu no anyan afi awufo mu, enti na ahoɔdenne yi yɛ adwuma wɔ no mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Marko 6:14
16 Iomraidhean Croise  

Na ɔyɛɛ adetoɔ mfidie a ɛyɛ adwumfoɔ adwini wɔ Yerusalem, sɛ ɛnsisi aban atentene so ne afasuo ntweaso, na wɔmfa ntoto agyan ne aboɔ akɛseɛ. Na ne din hyeta kɔɔ akyirikyiri pa ara, na ɔnyaa mmoa a ɛyɛ nwanwa kɔsii sɛ ne ho yɛɛ den.


Na Amonfoɔ de apeatoɔ brɛɛ Usia, na ne din hyeta kɔduruu Misraim, na ne ho yɛɛ den kɔɔ so pa ara.


Na wɔn deɛ, wɔfirii hɔ no, wɔde ne ho asɛm tenee asase no nyinaa so.


Na ɛhɔ ara na ne ho asɛm firi trɛ kɔɔ Galilea nsase a atwa ho ahyia nyinaa so.


Na ɔno deɛ, ɔfirii adie no, ɔfitii aseɛ kekaa no pii, na ɔmaa asɛm no trɛe, ɛno nti Yesu antumi anyi n’anim ankɔ kuro biara mu bio; na mmom ɔtenaa ɛserɛ so hɔnom baabi, na wɔfiri mmaa nyinaa baa ne nkyɛn.


Na wɔbuaa no sɛ: Yohane suboni; na ebinom se: Elia; na ebinom nso se: Adiyifoɔ no mu baako.


Dɔn no ara mu na Farisifoɔ bi ba bɛsee no sɛ: Firi ha kɔ! Na Herode repɛ wo aku wo.


Na Kaesare Tiberio ahennie afe a ɛtɔ so dunum mu no, na Pontio Pilato di Yudea amrado, na Herode di Galilea mansinihene, na ne nua Filipo di Iturea ne Trakoniti asase so, na Lisania di Abilene mansinihene,


Na ne ho asɛm yi trɛɛ Yudea nyinaa ne asase a atwa ahyia nyinaa so.


Na wɔbuaa sɛ: Yohane suboni, na ebinom se: Elia, na afoforɔ se: Tete adiyifoɔ no mu bi na wasɔreɛ.


Ɛfiri sɛ, ɛfiri mo mu na Awurade asɛm no hyetaeɛ, ɛnyɛ Makedonia ne Akaia nko, na mmom mo gyeɛ a mogye Onyankopɔn die no atrɛ aduru mmaa nyinaa, enti ɛmma no nhia yɛn sɛ yɛka ho asɛm biara.


na Onyankopɔn nso de nsɛnkyerɛnneɛ ne anwanwadeɛ ne ahoɔdenneɛ ahodoɔ ne Honhom Kronkron a ɔkyekyɛɛ mu sɛ ɔpɛ no dii ho adanseɛ bi.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan