Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Marko 5:35 - New Revised Asante Twi Bible

35 Ɔgu so rekasa no, wɔfiri hyiadan mu panin no fie ba bɛkaa sɛ: Wo babaa no awu; adɛn na woda so ha ɔkyerɛkyerɛfoɔ no?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

35 Ɔgu so rekasa no, wɔfiri hyiadan mu panin no fie ba bɛkaa sɛ: Wo babaa no awu; adɛn na woda so ha ɔkyerɛkyerɛfoɔ no?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

35 Ogu so rekasa akyerɛ ɔbea no, abɔfo fi Yairo fi bɛkae se, “Wo babea no awu; adɛn na woda so haw kyerɛkyerɛfo no?”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

35 Ɔgu so rekasa kyerɛ ɔbaa no no, abɔfoɔ firi Yairo efie bɛbɔɔ amaneɛ sɛ, Yairo babaa no awu, enti ɛho nhia sɛ Yesu bɛba bio.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

35 Ogu so rekasa no, wofi hyiadan mu panyin no fi bae bɛkae sɛ: Wo babea no awu; adɛn na woda so haw ɔkyerɛkyerɛfo no?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Marko 5:35
13 Iomraidhean Croise  

Na Yesu hunuiɛ no, ɔsee wɔn sɛ: Adɛn na moreha ɔbaa no? Wayɛ me ho adwuma pa.


Na ɔse: Monkɔ kuro no mu asomasi nkyɛn, na monkɔka nkyerɛ no sɛ: Kyerɛkyerɛfoɔ se: Me berɛ abɛn; wo nkyɛn na mene m’asuafoɔ rebɛdi Twam (afahyɛ) no.


Ɔreka yeinom akyerɛ wɔn no, hwɛ, ɔpanin baako bi ba bɛkotoo no kaa sɛ: Seesei ara me babaa awu, na bra, na fa wo nsa bɛto ne so, na ɔbɛnya nkwa.


Na ɔfirii adi kɔɔ ɔkwan soɔ no, obi tutuu mmirika bɛkotoo n’anim bisaa no sɛ: Kyerɛkyerɛfoɔ pa, ɛdeɛn na menyɛ, na manya daa nkwa?


Na hyiadan mu panin baako a wɔfrɛ no Yairo bae, na ɔhunuu no no, ɔhwee ne nan ase;


Na ɔrekasa no, obi firi hyiadan mu panin no fie bɛkaa sɛ: Wo babaa no awu, nha kyerɛkyerɛfoɔ no!


Ɛnna Marta see Yesu sɛ: Awurade, sɛ wowɔ ha a, anka me nuabarima anwu.


Yesu see no sɛ: Mene owusɔreɛ ne nkwa; deɛ ɔgye me die no, sɛ wawu mpo a, ɔbɛnya nkwa.


Na ɔkaa saa no, ɔsii mu kɔfrɛɛ ne nua Maria kokoam sɛ: Kyerɛkyerɛfoɔ no aba, na ɔrefrɛ wo.


Ɛnna Maria duruu faako a Yesu wɔ na ɔhunuu no no, ɔhwee ne nan ase ka kyerɛɛ no sɛ: Awurade, sɛ wowɔ ha a, anka me nuabarima anwu.


Yesu kaa sɛ: Monyi ɔboɔ no! Deɛ wawuo no nua Marta see no sɛ: Awurade, sɛsɛɛ deɛ, wabɔn, na wadi nnanan.


Mereka akyerɛ mo nokorɛ mu pa ara sɛ: Dɔn no reba na anya adu a awufoɔ bɛte Nyankopɔn ba no nne, na wɔn a wɔteɛ no bɛnya nkwa.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan