Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Marko 5:15 - New Revised Asante Twi Bible

15 Na wɔbaa Yesu nkyɛn, na wɔbɛhunuu deɛ honhommɔne a ɔde ɛdɔm no wɔ ne so sɛ ɔte hɔ fira ntoma, na n’adwene mu ateɛ no; wɔsuroe.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

15 Na wɔbaa Yesu nkyɛn, na wɔbɛhunuu deɛ honhommɔne a ɔde ɛdɔm no wɔ ne so sɛ ɔte hɔ fira ntoma, na n’adwene mu ateɛ no; wɔsuroe.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

15 Nnipakuw no duu faako a Yesu wɔ no wohuu ɔbarima a na honhommɔne ahyɛ no ma no sɛ ɔte hɔ dinn a nʼadwene mu atew no. Eyi maa wɔn ho dwiriw wɔn.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

15 Nnipakuo no duruu baabi a Yesu wɔ no, wɔhunuu ɔbarima a na honhommɔne ahyɛ no ma no sɛ ɔte hɔ dinn a nʼadwenem ate no. Yei maa wɔn ho dwirii wɔn.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

15 Na wɔbaa Yesu nkyɛn, na wobehuu nea honhommɔne a ɔde ɛdɔm wɔ no so sɛ ɔte hɔ fura ntama, na n’adwenem atew no; wosuroe.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Marko 5:15
21 Iomraidhean Croise  

Na Dawid suroo Nyankopɔn da no, na ɔkaa sɛ: Mede Nyankopɔn adaka no bɛba me nkyɛn sɛn?


Na akane no ɛnyɛ mo na moyɛeɛ nti na AWURADE yɛn Nyankopɔn bu baa yɛn soɔ, sɛ yɛanhwehwɛ no n’atorɔmuadeɛ no soɔ.


Ne kɛseyɛ rentu mo akoma, na ne ho hu mma mo so?


Ɛno na wɔn ho popoeɛ, ɛfiri sɛ Onyankopɔn wɔ teneneefoɔ awoɔ ntoatoasoɔ mu.


Anaasɛ ɛbɛyɛ dɛn na obi bɛtumi akɔ ɔhoɔdenfoɔ fie akɔfom n’afideɛ, gye sɛ ɔdi kan kyekyere ɔhoɔdenfoɔ no ansa na wafom ne fie.


Anaasɛ wodwene sɛ anka merentumi mensrɛ m’Agya seesei na ɔnsoma abɔfoɔ asafodɔm bɛboro dummienu mmɛgyina me ho?


Na ne ho asɛm trɛ kɔɔ Siria nyinaa, na wɔde wɔn a wɔyareɛ nyinaa, a nyarewa ne ɔhaw ahodoɔ akuta wɔn, wɔn a ahonhommɔne wɔ wɔn soɔ, wɔn a wɔyare ɛtwirɛ ne wɔn a wɔyare mmubuo brɛɛ no na ɔsaa wɔn yadeɛ.


Na ɔtuu honhommɔne no no, emum no kasae. Na ɛyɛɛ nkurɔfoɔ akuakuo no nwanwa, na wɔkaa sɛ: Wɔnhunuu saa bi da wɔ Israel.


Na wɔn a wɔhwɛ mprako no dwanee, na wɔkɔkaa no kuro no mu ne nkuraa no ase. Na wɔfirii adi sɛ wɔrekɔhwɛ deɛ aba no.


Na wɔn a wɔhunuiɛ no kaa deɛ ɛyɛɛ deɛ honhommɔne wɔ ne soɔ no, ne mprako no ho asɛm no kyerɛɛ wɔn.


Na ɔsii kodoɔ no mu no, deɛ anka honhommɔne wɔ ne soɔ no srɛɛ no sɛ ɔbɛtena ne nkyɛn.


Na wɔtaa de no to mpokyerɛ ne nkɔnsɔnkɔnsɔn mu, nanso ɔtete nkɔnsɔnkɔnsɔn no bubu mpokyerɛ no mu; na obiara ntumi nnwodwo no.


Na Yesu bisaa no sɛ: Wo din de sɛn? Na ɔbuaa sɛ: Me din de Ɛdɔm, ɛfiri sɛ, yɛyɛ bebree.


Na Marta wɔ onuabaa bi a wɔfrɛ no Maria a ɔtenaa Awurade nan ase tiee n’asɛm.


Na ɔsii fam no, ɔbarima bi a ahonhommɔne wɔ ne mu dadaada, a ɔfiri kuro no mu bɛhyiaa no, ɔnhyɛ atadeɛ, na ɔnte ɛdan biara mu, na mmom aboda mu na ɔte wɔ asieeɛ.


sɛ wayi yɛn afiri sum tumi ase de yɛn aba ne Dɔba no ahennie mu.


ɛfiri sɛ Onyankopɔn amma yɛn ehu honhom, na mmom ahoɔden ne ɔdɔ ne adwenemuteɛ deɛ.


Na Samuel yɛɛ sɛdeɛ AWURADE ka kyerɛɛ no no, na ɔkɔɔ Betlehem. Na kuro no mu mpanimfoɔ de ahopopoɔ bɛhyiaa no bisaa no sɛ: Woaba no asomdwoeɛ mu anaa?


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan