Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Marko 4:31 - New Revised Asante Twi Bible

31 Ɛte sɛ sinapi aba fua a wɔdua no fam a ɛyɛ aba ahodoɔ a ɛwɔ asase so nyinaa mu ketewa,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

31 Ɛte sɛ sinapi aba fua a wɔdua no fam a ɛyɛ aba ahodoɔ a ɛwɔ asase so nyinaa mu ketewa,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

31 Ɛte sɛ onyaa aba, a ɛyɛ ketewaa wɔ aba a wodua nyinaa mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

31 Ɛte sɛ onyina aba, a ɛyɛ ketewaa wɔ aba a wodua nyinaa mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

31 Ɛte sɛ sinapi aba fua a wodua no fam a ɛyɛ aba horow a ɛwɔ asase so nyinaa mu ketewa;

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Marko 4:31
30 Iomraidhean Croise  

Saa nti mɛkyɛ adeɛ mu mama no nnipa bebree mu na ɔne ahoɔdenfoɔ akyɛ asadeɛ, ɛfiri sɛ ɔde ne kra too hɔ maa owuo, na wɔabu no afra mmaratofoɔ mu, nso ɔno na wasoa nnipa bebree bɔne, na wadi ama mmaratofoɔ.


Na ɔfifirii sɛ duforɔ n’anim, sɛ asase pɛsɛɛ mu nhini; ɔnni esu anaa animuonyam a ɛbɛma yɛahwɛ no, na ɔnni ahoɔfɛ a ɛbɛma yɛn ani agye ne ho.


Deɛ ɔsua koraa no bɛdane abusua, na akumaa koraa adane ɔman a ɛyɛ den. Me, AWURADE, mɛyɛ no ntɛm ne berɛ mu.


Na n’ahennie mu bɛtrɛ, na asomdwoeɛ a ɛnni awieeɛ aba, Dawid ahennwa so ne n’ahennie so, na ɔde atemmuo ne tenenee awowa no ma atim firi sɛsɛɛ de akɔsi daa. Asafo AWURADE mmɔdemmɔ na ɛbɛyɛ yei.


Ɛda no, AWURADE bɛwowa Yerusalemfoɔ, na wɔn mu deɛ ɔyɛ mmerɛ no, ɛda no ɔbɛyɛ sɛ Dawid, na Dawid fie bɛyɛ sɛ Onyankopɔn, te sɛ AWURADE bɔfoɔ a ɔdi wɔn anim.


Na amanaman bebree de wɔn ho bɛba abɛbɔ AWURADE ho ɛda no, na wɔayɛ me ɔman; na mɛtena wo mu, na wobɛhunu sɛ asafo AWURADE na asoma me wo nkyɛn.


Na ɛfiri owiapueeɛ de kɔsi n’atɔeɛ no me din yɛ kɛseɛ amanaman mu, na wɔhye aduhwam bɔ afɔdeɛ ma me din mmaa nyinaa, na wɔde ayɛyɛdeɛ a ɛho teɛ ba; na me din yɛ kɛseɛ amanaman mu, asafo AWURADE na ɔseɛ.


Na ɔkaa sɛ: Ɛdeɛn ho na yɛde Nyankopɔn ahennie no bɛtoɔ? Anaasɛ ɛbɛ bɛn na yɛbɛbu no ho?


na wɔdua a, ɛnyini na ɛyɛ kɛseɛ sene fan nyinaa, na ɛyiyi mman akɛseɛ, na ewiem nnomaa tumi tena ne nwunu ase.


Na Awurade se: Sɛ mowɔ gyidie sɛ sinapi fua a, anka mobɛka akyerɛ akyee yi sɛ: Wo nhini ntutu na kɔtim ɛpo mu! Na ɛbɛtie mo.


Sɛdeɛ Awurade asɛm nam ahoɔden so nyiniiɛ na ɛyɛɛ den ne no.


Ɛnna wɔn a wɔgyee n’asɛm no maa wɔbɔɔ wɔn asu. Na da no ara wɔde akra bɛyɛ mpensa bɛkaa wɔn ho.


Na wɔteeɛ no, wɔhyɛɛ Onyankopɔn animuonyam; na wɔka kyerɛɛ no sɛ; Onua, wohunu Yudafoɔ mpempem a wɔagye adie a wɔn nyinaa bɔ mmara no ho mmɔden.


Nso wɔn a wɔtee asɛm no mu bebree gye diiɛ, na nnipa no dodoɔ bɛyɛ mpemnum.


Na nnipa bebree a wɔgye diiɛ, mmarima ne mmaa bebree bɛkaa Awurade asafo no ho.


Na ɔbɔfoɔ a ɔtɔ so nson no hyɛnee ne totorobɛnto. Na ɛnne akɛseɛ gyegyegyegyee soro sɛ: Wiase ahennie ayɛ yɛn Awurade ne ne Kristo no dea, na ɔbɛdi hene daa daa.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan