Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Marko 4:20 - New Revised Asante Twi Bible

20 Na yeinom ne wɔn a wɔguu wɔn asase pa mu no: Wɔn a wɔte asɛm no, na wɔgyeɛ, na wɔso aba, ebi aduasa, na ebi aduosia, na ebi ɔha.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

20 Na yeinom ne wɔn a wɔguu wɔn asase pa mu no: Wɔn a wɔte asɛm no, na wɔgyeɛ, na wɔso aba, ebi aduasa, na ebi aduosia, na ebi ɔha.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

20 Nnipa no bi te sɛ aba a wogu wɔ asase pa mu, wɔte asɛm no, wogye, na wɔsow aba— bi mmɔho aduasa, bi nso sow aduosia, na afoforo nso sow ɔha.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

20 Aba a ɛguu asase pa mu no gyina hɔ ma wɔn a wɔte Onyankopɔn asɛm no, na wɔso aba bebree. Nnipa no bi so mmɔho aduasa. Ebi nso so aduosia, na afoforɔ nso so ɔha.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

20 Na eyinom ne wɔn a woguu wɔn wɔ asase pa mu no: Wɔn a wɔte asɛm no, na wogye, na wɔsow aba, ebi aduasa, na ebi aduosia, na ebi ɔha.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Marko 4:20
14 Iomraidhean Croise  

Na Isak duaa mfudeɛ wɔ asase no so, na ɔnyaa nnɔbaeɛ mmɔho ɔha; afirinhyia no ara mu ɛfiri sɛ AWURADE hyiraa no.


Na deɛ wɔguu no asase pa mu no ne deɛ ɔte asɛm no, na ɔte aseɛ; ɔno na ɔso aba, ebi so ɔha, ebi aduosia, ebi aduasa.


Na ebi nso kɔguu asase pa mu; na ɛsoo aba, ebi ɔha, ebi aduosia, ebi aduasa.


Na ebi kɔguu asase pa mu; na ɛfifirii kɔɔ so nyinii na ɛtrɛe na ɛsoe, ebi aduasa, ebi aduosia, ebi ɔha.


Na asase pa mu deɛ no ne wɔn a wɔde akoma pa a ɛyɛ te asɛm no, na wɔde sie, na wɔnam boasetɔ mu so aba.


Ɛnyɛ mo na moayi me, na me na mayi mo, na mede mo masi hɔ sɛ monkɔ, na monkɔso aba, na mo aba no ntena hɔ, na biribiara a mobɛsrɛ Agya no me din mu no, ɔde ama mo.


Me ho ban biara a ɛnso aba no, ɔyi; na ebiara a ɛso aba no, ɔyiyi ho, na aso aba bebree.


Saa nti, me nuanom, mo nso, wɔnam Kristo nipadua so akum mo ama mmara no, sɛ monkɔyɛ ɔfoforɔ a ɔno ne deɛ wɔanyane no afiri awufoɔ mu no deɛ, na yɛaso aba ama Onyankopɔn.


na tenenee aba a ɛnam Yesu Kristo so ba no ahyɛ mo ma ama Onyankopɔn animuonyam ne n’ayeyie.


na moanante sɛdeɛ ɛfata Awurade na ɛsɔ n’ani koraa, na moaso adwuma pa nyinaa mu aba, na moanyini akɔ Nyankopɔn ho nimdeɛ mu.


Deɛ ɛdi akyire no, anuanom, yɛsrɛ mo na yɛtu mo fo Awurade Yesu mu sɛ, deɛ moanya no yɛn nkyɛn, sɛdeɛ ɛsɛ sɛ mobɔ mo bra na mosɔ Nyankopɔn ani no, saa ara na monkɔ so mma no mmoro soɔ.


Na sɛ yeinom wɔ mo mu na ɛdɔɔso a, ɛremma monyɛ anihafoɔ ne wɔn a wɔnso aba, yɛn Awurade Yesu Kristo ho nimdeɛ fam.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan