Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Marko 4:19 - New Revised Asante Twi Bible

19 na ɔbra yi mu dadwene ne ahonyadeɛ nnaadaa ne nnoɔma a ɛkeka ho no ho akɔnnɔ ba mu a, ɛmia asɛm no, na ɛnso aba.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

19 na ɔbra yi mu dadwene ne ahonyadeɛ nnaadaa ne nnoɔma a ɛkeka ho no ho akɔnnɔ ba mu a, ɛmia asɛm no, na ɛnso aba.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

19 nanso ɛnkyɛ koraa na wiase yi mu afɛfɛde ne ahonyade ne ɔbra yi mu dadwen, nnaadaa ne nneɛma bi ho akɔnnɔ abɛhyɛ wɔn koma mu. Eyi nti asɛm no ntumi nsow aba biara.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

19 nanso ɛnkyɛre koraa na ewiase yi mu afɛfɛdeɛ ne ahonyadeɛ ne ɔbra yi mu dadwene, nnaadaa ne nneɛma bi ho akɔnnɔ abɛhyɛ wɔn akoma mu. Yei enti, asɛm no ntumi nso aba biara.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

19 na ɔbra yi mu dadwen ne ahonyade nnaadaa ne nneɛma a ɛkeka ho no ho akɔnnɔ ba mu a, emia asɛm no na ɛnsow aba.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Marko 4:19
28 Iomraidhean Croise  

Mmiri wo mogya ani mpɛ ahonyadeɛ, gyae wo nhunumu yi akyiridie.


Wode w’ani bɛsi deɛ ɛnni hɔ so anaa? Na ahonyadeɛ fu ntaban tu sɛ ɔkɔdeɛ a ɔtu kɔ soro.


Ɔbaako wɔ hɔ na obiara nka ne ho, nso ɔnni babarima anaa onuabarima, nanso ne brɛ nyinaa nni awieeɛ, ahonya nso mmee n’ani. Na hwan mpo na merebrɛ na merekame me kra nnepa mama no? Yei nso, ahuhudeɛ ne ɔhaw bɔne ne no.


na ɔfuntumm mu tutuu mu aboɔ, na ɔtetɛɛ mu bobe pa, na ɔtoo abantenten sii mu, na ɔtuu mu nsakyi-amena nso; na ɔtwɛnee sɛ ɛbɛso bobe aba: Ɛnna ɛsoo abuntwerɛ.


Ɛdeɛn na anka ɛsɛ sɛ meyɛ me bobeturo bio a menyɛeɛ? Ɛdeɛn nti na metwɛnee sɛ ɛbɛso bobe aba, na aso abuntwerɛ yi?


Na deɛ wɔguu no nkasɛɛ mu no ne deɛ ɔte asɛm no, na wiase asetena yi mu dadwene ne haw ne ahonyadeɛ nnaadaa mia asɛm no, na ɛnso aba.


Ɛnna Yesu ka kyerɛɛ n’asuafoɔ no sɛ: Nokorɛ mese mo sɛ, ɛyɛ den ma ɔdefoɔ sɛ ɔbɛkɔ ɔsoro ahennie mu.


Nanso wɔde akuma no ato nnua no nhini ho dada; enti dua biara a ɛnso aba pa no, wɔbɛtwa ato ogya mu.


Na yeinom ne wɔn a wɔgu wɔn nkasɛɛ mu no: Wɔne wɔn a wɔte asɛm no,


Na Awurade bua see no sɛ: Marta, Marta, wodwendwene, na woha wo ho nnoɔma pii ho;


Na monhwɛ mo ho yie, na adidie mmorosoɔ ne nsaborɔ ne nkwa yi mu nnoɔma ho dadwene ne haw anhyɛ mo akoma so, na ɛda no ammɛto mo mpofirim sɛ fidie,


Me ho ban biara a ɛnso aba no, ɔyi; na ebiara a ɛso aba no, ɔyiyi ho, na aso aba bebree.


Na monnyɛ mo ho sɛ wiase yi, na mmom momfa adwene mu foforɔyɛ nsakyera mo ho, na moasɔ deɛ Onyankopɔn pɛ a ɛyɛ, na ɛsɔ ani, na ɛyɛ pɛ no ahwɛ.


na akane no monantee sɛdeɛ wiase abrabɔ teɛ ne sɛdeɛ ewiem tumi no panin no teɛ, honhom a nnansa yi ɛyɛ adwuma wɔ wɔn a wɔyɛ asoɔden mu no.


ɛfiri sɛ ɛnyɛ yɛne mogya ne honam na anya, na mmom yɛne mpaninnie ne tumidie ne wiase yi sum mu atumfoɔ ne ahonhommɔne a ɛwɔ soro hɔnom.


Monnna nnnwene biribiara nnha mo ho, na mmom ade nyinaa mu momfa mpaebɔ ne nkotosrɛ ɛne aseda mma mo adesrɛ nnuru Nyankopɔn aso mu;


Adefoɔ a wɔwɔ wiase, kasa kyerɛ wɔn sɛ wɔnnnwene akokurokosɛm, anaasɛ wɔmmfa wɔn ani nnto ahonyadeɛ a ɛnni hɔ daa so, na wɔmfa wɔn ani nto Onyankopɔn a ɔma yɛn nnoɔma nyinaa ma no dɔɔso sɛ yɛnnie no so,


Ɛfiri sɛ Dema apɛ seesei wiase agya me hɔ, na wasim kɔ Tesalonika, Kreske kɔ Galatia, Tito kɔ Dalmatia.


Na sɛ yeinom wɔ mo mu na ɛdɔɔso a, ɛremma monyɛ anihafoɔ ne wɔn a wɔnso aba, yɛn Awurade Yesu Kristo ho nimdeɛ fam.


Yeinom yɛ mo dɔ adidie mu nkekaeɛ, wɔne mo redidi, wɔmfɛre adeɛ, wɔyɛne wɔn ho; wɔyɛ mununkum a nsuo nni mu a mframa twetwe kyinkyini, nnua a ɛso nhahan aporeɛ a ɛnni aba, na awu mprenu a ne nhini atutuo,


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan